Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 26 - KYERƐW KRONKRON


Aduankan afɔre

1 Na sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so na wofa tena so a,

2 fa asase no so adua a wubenya w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no nyinaa aduankan no bi gu kyerɛnkyɛ mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena hɔ no,

3 na kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ madu asase a AWURADE kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

4 Na ɔsɔfo no nnye kyerɛnkyɛ no mfi wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no anim.

5 Na gye so ka AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: M’agya yɛ Aramni a anka okyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi sian kɔɔ Misraim kɔsoɛɛ hɔ hɔho, na ɔyɛɛ ɔman kɛse a wɔyɛ den na wɔdɔe wɔ hɔ.

6 Na Misraimfo yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom dennen too yɛn so;

7 na yesu frɛɛ AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, na AWURADE tiee yɛn nne, na ohuu yɛn ade mmɔbɔ a ɛyɛ ne yɛn haw ne yɛn ahoguan.

8 Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm ne ahodwiriwde akɛse ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yii yɛn fii Misraim bae.

9 Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo.

10 Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduankan maba! Na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre AWURADE wo Nyankopɔn anim,

11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fi no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔho a ɔwɔ wo mu no.

12 Sɛ wuwie wo nnɔbae mu ntotoso du du nyinaa yiyi, afe a ɛto so abiɛsa a ɛne ntotoso du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo ama wɔadi wo nkurow mu amee a,

13 ɛnne ka wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronne afi me fi, na mede mama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo nso, sɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa te, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi;

14 minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa.

15 Fi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛde ne atemmude yi, na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

17 Ɛnnɛ woaka wɔ AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanantew n’akwan so, na woadi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm ne n’atemmude so, na woatie ne nne;

18 na AWURADE nso aka wɔ wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ n’ankasa ne man, sɛnea wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so,

19 na wama wo so akyɛn amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyi ne din ne anuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛnea ɔkae no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan