Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 24 - KYERƐW KRONKRON


Aware ne awaregyae ho mmara

1 Sɛ ɔbarima bi ware yere, na ɛba sɛ onnya n’ani so anuonyam, efisɛ wahu ne ho aniwude bi a, ɛnne ɔnkyerɛw ɔko nhoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na onnya no kwan mfi ne fi.

2 Na sɛ ofi ne fi kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,

3 na okunu foforo no nso mpɛ no, na ɔkyerɛw ɔko nhoma ma no de hyɛ ne nsa na ogya no kwan fi ne fi, anaasɛ okunu a ɔwaree no akyiri no wu a,

4 ɛnne ne kan kunu a ogyaa no kwan no nnsan mmmɛware no bio, ne ho fi gu no akyi, efisɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyide, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so.

5 Sɛ ɔbarima bi ware yere foforo a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto no so; na ɔnne ne ho mma ne fi afirihyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye.

6 Obi nnnye owiyammo ne ne ba awowa; na onii no regye nkwa awowa.

7 Sɛ wohu obi a owia ne nuanom Israelfo mu nipa bi na odi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnne owifo no nwu, na yi bɔne no fi wo mu.

8 Hwɛ yiye kwata yare ho, na woahwɛ ayɛ sɛ asɔfo Lewifo no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛnea mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.

9 Kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam ɔkwan so, bere a mufi Misraim reba no.

10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛn ne dan mu nkogye n’awowa;

11 adiwo na gyina, na onipa a wofɛm no ade no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adiwo.

12 Na sɛ ɔyɛ onipa a odi hia a, mfa n’awowa no nna;

13 owia kɔtɔ a, dan awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntama nna, na onhyira wo, na ɛnyɛ wo trenee AWURADE wo Nyankopɔn anim.

14 Nhyɛ ɔpaani, ɔbrɛfo ne ohiani a ofi wo nuanom anaa ahɔho a wɔwɔ w’asase so, wo nkurow mu no mu so.

15 Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaade, na mma owia nnkɔtɔ so, efisɛ odi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.

16 Wonnkum agyanom mmpae mma so, na wonnkum mma mmpae agyanom so; onipa ankasa bɔne nti na wonkum no.

17 Nkyea ɔhɔho anaa ayisaa atɛn, na nnye okunafo atade awowa.

18 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo fii hɔ; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so.

19 Sɛ wutwa w’aduan w’afuw mu na wo werɛ fi afi bi afuw mu hɔ a, nsan nkɔfa; na ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu.

20 Sɛ woporow wo ngodua a, nsan nkɔtwee so; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de.

21 Sɛ wotew wo bobeturo mu aba a, nsan nkodi so mpɛpɛwa; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de.

22 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan