Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 22 - KYERƐW KRONKRON

1 Nhwɛ wo nua nantwi anaa ne guanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; fa wɔn san brɛ wo nua.

2 Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wunnim no a, ɛnne fa no bra wo fi na ɔntena wo nkyɛn nkosi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadan no ama no.

3 Na saa nso na yɛ n’afurum, na saa nso na yɛ ne ntama, na saa nso na yɛ wo nua ade biara a ayera a wubehu; ntwe wo ho mfi ho.

4 Nhwɛ wo nua afurum anaa ne nantwi sɛ wɔahwe ase ɔkwan mu, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; boa no ma ɔmma wɔn so.

5 Ɔbea nnhyɛ ɔbarima ade, na ɔbarima nso mmfura ɔbea ntama, efisɛ wɔn a wɔyɛ eyi nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.

6 Sɛ anomaa berebuw befi w’anim ɔkwan mu, dua biara so anaa ɛfam, mma oo, nkesua oo, na ɛna no butuw mma no anaa nkesua no so a, nkyere ɛna no mpae mma no so;

7 na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yiye na wɔama wo nna aware.

8 Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.

9 Mfa ade horow abien nnua wo bobeturo mu, na woanyɛ w’adua a wuduae no ne bobeturo no mu nnɔbae nyinaa kronkron prɛko.

10 Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu mfɛtɛw.

11 Mfura ntama a wɔde kuntu ne asaawa afra anwene.

12 Yɛ wo ntama a wode kata wo so ahinanan so nnwow.


Ɔyere nsopa

13 Sɛ obi ware yere na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio,

14 na ɔde animguasesɛm to no so na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbea yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabun, a,

15 ɛnne abofra no n’agya ne ne na mfa abofra no baabunyɛ sɛnkyerɛnne mfi mmra kurow no mu mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano,

16 na abofra no n’agya nka nkyerɛ mpanyimfo no sɛ: Mede me ba mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio,

17 na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato no so sɛ: Manto wo ba no ɔbaabun; nso me ba no baabunyɛ ade ni. Na wɔntrɛw ntama no mu kurow no mu mpanyimfo no anim.

18 Na kurom hɔ mpanyimfo no mfa ɔbarima no ntwe n’aso,

19 na wonnye no dwetɛ nnwetɛbona ɔha mfa mma ababaa no agya, efisɛ wabɔ Israel mu baabun dimmɔne; na ɔnyɛ ne yere, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu.

20 Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhu abofra no ɔbaabun a,

21 ɛnne wonyi ababaa no mmra n’agya fi abobow ano, na ne kurom mmarima nsiw no abo mma onwu, efisɛ wayɛ nkwaseade Israel mu sɛ wabɔ aguaman n’agya fi; na yi bɔne no fi wo mu.

22 Sɛ wohu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbea a ɔyɛ obi yere da a, ɛnne wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no; na yi bɔne no fi Israel.

23 Sɛ wɔde abofra a ɔyɛ ɔbaabun ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kurow mu na ɔne no da a,

24 ɛnne momfa wɔn baanu no mfi adi nkɔ kurow no abobow ano, na munsiw wɔn abo mma wonwuwu: Ababaa no, sɛ ɔwɔ kurow mu na wanteɛm, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere ase nti; na yi bɔne no fi wo mu.

25 Na sɛ ɔbarima bi hu ababaa a wɔagye no aware wɔ wuram, na ɔbarima no kyere no ne no da a, ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no nko na onwu,

26 na ababaa no de, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ owu nni ababaa no so, efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no, saa na asɛm yi te;

27 efisɛ wuram na ohuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teɛɛm, na obi a obegye no nni hɔ.

28 Sɛ ɔbarima bi hu abofra a ɔyɛ ɔbaabun a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkyere no ne no da na wohu no a,

29 ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbona aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no ase nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.

30 Ɔbarima bi nnware n’agya yere, na onnyi ɔbea a ɔyɛ n’agya de adagyaw so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan