5 Mose 21 - KYERƐW KRONKRONEsum ase awudi 1 Sɛ wuhu obi a wɔakum no da wuram, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wunnim nea okum no a, 2 ɛnne wo mpanyimfo ne w’atemmufo mfi adi nkosusuw nkodu nkurow a ɛdeda nea wɔakum no no ho no so; 3 na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no ho no, saa kurow no mu mpanyimfo mfa nantwiforo a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔndua pɛn, 4 na kurow no mu mpanyimfo no mfa nantwiforo no nsian nkɔ subon a nsu sen wom a wɔnnɔwee na wonnuaa mu ade da mu, na wommu nantwiforo no kɔn mu wɔ osubon no mu. 5 Na Lewi mma asɔfo no ntwiw mmra, efisɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wonhyira, AWURADE din mu, na wɔn anom asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔboro ho asɛm biara; 6 na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no mu mpanyimfo no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiforo a wɔabu ne kɔn mu osubon no mu no so, 7 na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn aniwa anhu; 8 AWURADE, fa firi wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a edi bem ho afobu ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi firi wɔn. 9 Na wo de, yi mogya a edi bem ho afobu fi wo mu, na yɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. 10 Sɛ wutu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu nnommum, 11 na wuhu nnommum no mu ɔbaabere bi, na wopɛ no afa no ayɛ wo yere a, 12 ɛnne fa no bra wo fi, na onyi ne ti, na ommubu n’awerɛw, 13 na onyi ne dommum atade mfi ne ho, na ɔntena wo fi nnyam n’agya ne ne na ɔsram mu, na ɛno akyi no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɔyere. 14 Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma ɔmfa ne ho nkodi sɛnea ɔpɛ, na ɔtɔn de, ntɔn no nnye sika, wo ne no nnni no sɛ afenaa, efisɛ woagurow no. 15 Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ obiako, na ɔnnɔ obiako, na nea ɔdɔ no no ne nea ɔnnɔ no no wowo mma ma no, na abakan no ne nea ɔnnɔ no no ba a, 16 ɛnne da a ɔkyɛ n’ade mu ma ne mma no, ɔmmfa nea ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni nea ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim; 17 na ommu nea ɔnnɔ no no ba no abakan mma no nea ɔwɔ nyinaa mu abupɛn abien; na ɔne n’ahoɔden asefi, abakan dibea yɛ ne dea. 18 Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie n’agya ne ne na asɛm, na wɔteɛ no so na ontie wɔn a, 19 ɛnne n’agya ne ne na nkyere no mfa no mfi adi nkɔ ne kurom mpanyimfo nkyɛn, kurow no pon ano, 20 na wɔnka nkyerɛ ne kurow no mu mpanyimfo no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo, ontie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne sabofo. 21 Na ne kurow no mu mmarima nyinaa nsiw no abo mma ɔntɔ; na yi bɔne no fi wo mu na Israel nyinaa nte na wonsuro. 22 Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ okum na wokum no de no sɛn dua bi so a, 23 ne funu no nntena dua no so anadwo, osie na sie no da no ara; na nea wɔasɛn no no yɛ Onyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no ho fi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana