5 Mose 2 - KYERƐW KRONKRONWɔne Edomfo, Moabfo ne Amonfo nnko 1 Ɛnna yɛdan yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkɔntɔn faa Seir bepɔw ho nna pii. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: 3 Moafa bepɔw yi ho bi ara, na monnan mo ho nkyerɛ benkum fam; 4 na hyɛ ɔman no sɛ: Morebetwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hye so, na wosuro mo, monhwɛ mo ho yiye, 5 mo ne wɔn nnni aperepere, na meremfa wɔn asase nammɔn biako po memma mo, efisɛ mede Seir bepɔw mama Esau sɛ n’atenae. 6 Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduan nni, na nsu nso momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn nnom; 7 na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ. 8 Na yetwaa yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba tataw so kwan so fii Elat ne Esion-geber dan yɛn ho betwaam Moab sare so kwan so. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nhiahia Moab ho, na wo ne wɔn nnni aperepere nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, efisɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wonni so. 10 Emifo na kan no wɔte so, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwowaree sɛ Anakfo; 11 wɔn nso, wobu wɔn abran akɛse sɛ Anakfo; Moabfo na wɔfrɛ wɔn Emifo. 12 Na Seir nso kan no Horifo na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛnea Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapade a AWURADE de maa wɔn no. 13 Na afei monsɔre nkotwa Sered subon. Na yetwaa Sered subon. 14 Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-barnea besii sɛ yetwaa Sered subon no si mfirihyia aduasa awotwe, besii sɛ akofofo awo ntoatoaso no nyinaa wiee sa fii nsra no mu, sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no. 15 Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afi nsra no mu akosi sɛ wobewie sa. 16 Na akofofo no nyinaa sae na wowuwu fii ɔman no mu no, 17 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: 18 Ɛnnɛ worebetwam wɔ Ar, Moab hye so, 19 na wudu Amon mma hye so a, nhiahia wɔn ho na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, efisɛ mede mama Lot mma sɛ wonni so. 20 Wobu ɛno nso abran akɛse asase; abran akɛse na ɛte so kan no, na Amonfo frɛ wɔn Samsumim, 21 ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwowaree sɛ Anakfo. Na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim ma wotuu wɔn tenaa wɔn ananmu, 22 sɛnea ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifo wɔn anim ma wotuu wɔn tenaa wɔn ananmu beduu nnɛ yi no. 23 Na Awifo nso a wɔtenaa nkuraankuraa koduu Gasa no, Kaftorim a wofi Kaftor bae no bɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu. Wodi Amorifo hene Sihon so 24 Monsɔre ntu nkotwa Arnon subon; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa; fi ase di so na wo ne no nni aperepere na monko. 25 Ɛnnɛ da yi na mefi ase mede wo ho suro ne wo ho hu magu ɔsoro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka so, na wɔn ho apopo na wɔn bo atutu w’anim. 26 Na mede asomdwoesɛm mifi Kedemot sare so mesomaa abɔfo kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn kɔkae sɛ: 27 Ma mintwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremman nifa anaa benkum; 28 tɔn aduan ma me gye sika ma minni, na ma me nsu nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede metwam, 29 sɛnea Esau mma a wɔte Seir ne Moabfo a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akosi sɛ metwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no so. 30 Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa ne honhom senee na opirim ne koma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛ ɛte nnɛ da yi. 31 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafi ase mede Sihon ne n’asase mato w’anim, fi ase fa, na di n’asase so. 32 Ɛnna Sihon fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas. 33 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yekunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa. 34 Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no, na yɛsɛee nkurow no nyinaa pasaa, mmarima ne mmea ne mmofra, yɛannyaw oguanfo biara, 35 gye afieboa nko na yɛfow wɔn fae, ɛne nkurow a yɛfae no mu asade. 36 Efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne kurow a ɛda subon no mu no so de kosi Gilead, kurow biara nni hɔ a ɛyɛ den sen yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37 Gye Amonfo asase no nko ho na woantwiw ammɛn, Yabok subon nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔw no so nkurow ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn braa yɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana