Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 18 - KYERƐW KRONKRON


Asɔfo ne Lewifo agyapade ne AWURADE

1 Wɔmmma asɔfo Lewifo, Lewi abusuakuw nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapade biara Israel mu. Wobetumi adi AWURADE gya afɔre so ade no bi, ɛno nyɛ wɔn agyapade.

2 Na wɔrennya agyapade wɔn nuanom mu; AWURADE ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.

3 Na eyi nyɛ asɔfo no kyɛfa a efi ɔman no nsam, mfi wɔn a wɔbɔ afɔre no nkyɛn, nantwi oo, oguan oo: Wɔmfa basa ne abogye ne ofuru mma ɔsɔfo no;

4 w’aburow, wo nsa ne wo ngo mu adekan ne wo nguan ho nwi a wutwa kan no, fa ma no,

5 efisɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afi wo mmusuakuw nyinaa mu, sɛ onnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa.

6 Na sɛ Lewini bi fi wo nkurow no biara mu, fi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ hɔ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ a,

7 ɛnne ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifo a wogyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no.

8 Wonnya kyɛfa koro nni nka nea efi n’agyanom ade a wɔatɔn mu no ho.


Wɔnnyɛ amanaman akyide

9 Sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua amanaman no akyide no yɛ.

10 Mma wonnhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafowayifo,

11 ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu,

12 efisɛ AWURADE akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, na akyide yi nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim yi.

13 Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no mudi mu.

14 Na amanaman yi a worekotu wɔn yi tie abayifo ne nkɔmhyɛfo, na wo de, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no sa.


Wontie Odiyifo no

15 Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.

16 Sɛnea wubisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb guabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma minnhu ogya kɛse yi bio, na manwu!

17 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nea wɔaka no wɔaka no yiye:

18 Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn;

19 na obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka me din mu no, me ara mebisa no ase.

20 Na odiyifo a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka ne nea ɔbɛkasa anyame foforo din mu no, odiyifo ko no bewu.

21 Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yebehu asɛm a AWURADE nkae no?

22 Sɛ odiyifo no kasa AWURADE din mu na asɛm no amma anaasɛ amma mu a, na AWURADE nkae ne no; ahokyerɛ na odiyifo no de kasae, nsuro no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan