Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 17 - KYERƐW KRONKRON


Afɔrebɔde

1 Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.

2 Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a ɔde rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn ani so bu apam so,

3 na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabra no mu biara,

4 na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnne pɛ mu yiye; na sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nokware, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ Israel a,

5 ɛnne fa ɔbarima anaa ɔbea a wodii saa asɛmmɔne yi fi adi kɔ wo kurow apon ho, ɔbarima oo, ɔbea oo, na siw wɔn abo ma wonwu.

6 Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no.

7 Adansefo no nsa na engu no so kan nkum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no fi wo mu.

8 Sɛ asɛm bi a ɛho atemmu yɛ wo den si wɔ mogya ne mogya ntam, asɛm ne asɛm ntam, ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam, na ɛyɛ wo nkurow mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnne sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ,

9 na kɔ asɔfo Lewifo ne ɔtemmufo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kobisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a bu;

10 na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo, faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ, no so, na hwɛ na yɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ wo nyinaa:

11 Mmara a wɔbɛkyerɛ wo ne atemmu a wɔbɛka akyerɛ wo no so na di, mman mfi asɛm a wɔbɛkyerɛ wo no ho nkɔ nifa anaa benkum.

12 Na onipa a obedi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfo a ogyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufo no, saa onipa no nwu;

13 na yi bɔne no fi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wonsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.


Ɔhene paw ne n’asɛde

14 Sɛ wudu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a,

15 fa nea AWURADE wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so.

16 Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.

17 Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma amman; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii.

18 Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa;

19 na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi,

20 na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahenni mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan