Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 16 - KYERƐW KRONKRON


Afahyɛ horow no ho mmara

1 Hwɛ ɔsram Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo fii Misraim anadwo.

2 Enti kum Twam afɔre no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nguan ne anantwi, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena hɔ no.

3 Nni mmɔkaw nka ho; nnansɔn na di apiti, amanehunu abodoo, efisɛ ɔhare so na wufii Misraim asase so, na woakae wo Misraim asase so fi da no, wo nkwa nna nyinaa.

4 Na mma wonnhu mmɔkaw wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnansɔn; nso mma nam a wokum da a edi kan anwummere no bi nnka nnkosi adekyee.

5 Nkum Twam no wɔ nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu biara mu,

6 gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no, ɛhɔ na kum Twam no anwummere a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fi bere no mu;

7 na ma ɛmmen na di wɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na ade kye a, woasan akɔ wo ntamadan mu.

8 Nnansia na di apiti, na da a ɛto so ason no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.

9 Adapɛn ason na kan fa; da a wɔrefi ase de kantankrankyi ahyɛ awi mu no na fi kan adapɛn asɔn;

10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamye afɔre sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no;

11 na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.

12 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛde yi.

13 Di asese nnapɔnna nnansɔn, bere a woaboaboa w’awiporowbea ne wo nsa-kyi-amoa mu ade ano no;

14 na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu.

15 Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.

16 Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;

17 obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.


Atemmufo ne atemmu ho asɛm

18 Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.

19 Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.

20 Asɛntrenee, asɛntrenee akyi na di, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no.

21 Ntɛw nnua biara mfa nyɛ Asera nnua wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka a worebesi no ho;

22 na mfa ɔbo dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan