Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 15 - KYERƐW KRONKRON


Afe a ɛto so ason no ho mmara

1 Mfirihyia ason biara awiei no, fa biribi kyɛ.

2 Na sɛ wɔnkyɛ ade no ni: Ɔdefɛmfo biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ontua, efisɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.

3 Ɔnanani de, hyɛ no ma ontua. Wo biribiara a ɛwɔ wo nua nkyɛn de, fa kyɛ no.

4 Anka ɛnsɛ sɛ ohiani wɔ wo mu, efisɛ nhyira na AWURADE behyira wo asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade a kɔfa no so.

5 Otie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ayɛ mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔka kyerɛɛ wo no, na wode afɛm amanaman pii, na wo de, worenkɔfɛm, na wubedi amanaman pii so, na wo de, wɔrenni wo so.

7 Sɛ wo nuanom mu biara dan wo mu hiani, wo kurow biara mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, mpirim wo koma, na mmua wo nsa ano nhyɛ wo nua hiani;

8 na bue wo nsam ma no, na fɛm no nea ɛbɛso ne hia a ehia no no.

9 Hwɛ yiye na wo komam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛto so asɔn, adekyɛ afe no abɛn: Na woannya wo nua hiani no ho ani bɔne sɛ woremma no hwee, na wanteɛm amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.

10 Yi wo yam ma no, na mma ɛnnyɛ wo koma ahi sɛ wobɛma no; na saa ade yi nti, AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnwuma nyinaa ne nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu.

11 Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo brɛfo ne wo hiani a ɔwɔ w’asase so.

12 Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbea ma wo, na ɔsom wo mfirihyia asia a, afe a ɛto so ason no gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi.

13 Na sɛ woregya no kwan na wafa ne ho afi wo nkyɛn akodi a, mma ɔnnkɔ nsapan:

14 Fa wo nguan, ne w’awiporowbea ade, ne wo nsa-kyi-amoa mu ade no bi kyɛ no; ade a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira wo no bi na fa ma no.

15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.

16 Na sɛ ɛba sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ: Meremfi wo nkyɛn, na medɔ wo ne wo fi, efisɛ odi yiye wɔ wo nkyɛn a,

17 ɛnne fa fitii fiti n’asom apongua ho na ɔnyɛ w’akoa daa; na w’afenaa nso yɛ no saa ara.

18 Mma ɛnnyɛ wo den sɛ wubegya no kwan na wafa ne ho afi wo nkyɛn akodi, na ɔpaani akatua fa na ɔde asom wo mfirihyia asia; na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo nea woyɛ nyinaa mu.

19 W’anantwi ne wo nguan mmakan anini a wɔbɛwo no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwi abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nguan abakan ho;

20 AWURADE wo Nyankopɔn anim na di, daa afirihyia, faako a AWURADE beyi no, wo ne wo fi.

21 Na sɛ dɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afura, anaasɛ dɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre;

22 wo kurow apon mu na di, nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa nni, sɛ wodi ɔwansan ne ɔforote;

23 ne mogya nko na nni, hwie gu fam sɛ nsu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan