Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 14 - KYERƐW KRONKRON


Mmoa a monni ne nea monnni

1 AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara;

2 na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ n’ahode man, asase so aman nyinaa mu.

3 Nni akyide biara.

4 Eyinom ne mmoa a munni: Nantwi, oguanten ne abirekyi;

5 ɔforote ne adowa ne ɔwansan ne ewi ne ɔtwe ne ɛkoɔ ne abere.

6 Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apae, na ne tɔte mu apae nta abien, na opuw wesaw, mmoa mu no, ɔno na munni.

7 Nanso eyinom de, munnni, wɔn a wopuw wesaw ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma ne adanko ne atwaboa, efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae: Wɔn ho ntew mma mo;

8 ne prako nso, efisɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwesaw: Ne ho ntew mma mo. Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.

9 Eyi ne nea munni, nea ɛwɔ nsum nyinaa: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon nyinaa munni;

10 na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon no, munnni: Ɛho ntew mma mo.

11 Anomaa biara a ne ho tew no, munni.

12 Na eyinom ne wɔn a munnni: Ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre,

13 ne ɔkompete ne ɔsansa ne ɔkom ne n’ahorow,

14 ne anene ahorow nyinaa,

15 ne sohori ne patukɛse ne po so asomfena ne akoroma ne n’ahorow,

16 patubiaa ne patukɛse ne bakanoma,

17 ne pokupoku ne opete ne po so anene,

18 ne asukɔnkɔn ne asukɔnkɔn ahorow ne asuakwaa ne ampan.

19 Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; munnni.

20 Ntuboa a wɔn ho tew nyinaa, munni.

21 Munnni aboa funu; fa ma ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu ma onni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa aguammaa ne na nufu mu.


Ntotoso du du ho mmara

22 W’ade a wuduae nnɔbae a w’afuw ma daa afirihyia no, yi so ntotoso du du;

23 na AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a obeyi sɛ ne din ntena no na di w’aburow ne wo nsa ne wo ngo so ntotoso du du ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.

24 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wuntumi nsoa, efisɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a,

25 ɛnne dan no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi no.

26 Na fa sika no tɔ ade biara a wo kra kɔn dɔ, nantwi ne oguan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fi ani nnye.

27 Na Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu no, nnyaw no, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ.

28 Mfe abiɛsa awiei no, yi w’afe no mu nnɔbae so ntotoso du du gugu wo nkurow apon mu,

29 ma Lewini, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ, ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo kurow apon mu mmra mmedi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan