Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 13 - KYERƐW KRONKRON


Ahonisom ho kɔkɔbɔ

1 Sɛ odiyifo anaa ɔdaesofo bi sɔre wo mu, na ɔma wo sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi,

2 na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔka kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkodi anyame foforo a wunnim wɔn akyi nkɔsom wɔn, a,

3 ntie odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm no, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahu sɛ mode mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa dɔ AWURADE mo Nyankopɔn anaa.

4 AWURADE mo Nyankopɔn akyi na munni, na ɔno na munsuro no, na ne mmara nsɛm so na munni, na ne nne na muntie, na monsom no, na mommata ne ho.

5 Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no, efisɛ wakasa sɛ momman mfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so na ogyee mo fii nkoafi no ho de retwetwe wo afi ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ nantew mu no so; na tu bɔne no fi wo mu.

6 Sɛ wo nuammarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ w’ankasa wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn,

7 amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn wo anaasɛ wɔmmɛn wo fi asase ano kosi asase ano noho anyame bi a,

8 mpene no na ntie no, na mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, nanso nkyɛe no so na nhintaw no so,

9 na okum na kum no, wo nsa na enni kan ntɔ no so sɛ worekum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa;

10 na siw no abo ma onwu, efisɛ ɔhwehwɛ atwetwe wo afi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no ho;

11 na Israel nyinaa ntie na wonsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte sɛɛ.

12 Sɛ wote wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ:

13 Mmarima mmabusufo bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfo sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a munnim wɔn, a,

14 ɛnne pɛ mu hwehwɛ mu na bisabisa mu yiye; na hwɛ, sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ wo mu a,

15 okum na fa nkrante kum kurow no mufo; fa nkrante sɛe ɛno ne nea ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasaa;

16 na boaboa emu asade nyinaa ano gu abɔnten so, na fa ogya hyew kurow no ne emu asade no nyinaa sɛ afɔre mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo; wɔnnkyekyere bio.

17 Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;

18 sɛ wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ nea ɛteɛ, AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan