5 Mose 12 - KYERƐW KRONKRONWɔnsɛe ahoni 1 Eyinom ne ahyɛde ne atemmude a monhwɛ nyɛ asase a AWURADE w’agyanom Nyankopɔn de ma wo sɛ fa no so, nna a mode te asase so nyinaa. 2 Ɔsɛe na monsɛe faako a amanaman a morekotu wɔn no sonsom wɔn anyame hɔ no nyinaa, mmepɔw atenten so ne nkoko so ne dua momono biara ase; 3 na munnwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na momfa ogya nhyew wɔn Asera nnua, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfi hɔ. Faako a wɔnsom Onyankopɔn 4 Monnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn sa, 5 na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ; 6 na ɛhɔ na momfa mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du ne mo nsam soma ade ne mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre ne mo anantwi ne mo nguan mmakan nkɔ. 7 Na ɛhɔ na munnidi, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afi ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira wo no nyinaa mu. 8 Monnyɛ sɛnea yɛreyɛ ɛha nnɛ yi a obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so no; 9 na ɛde besi sesɛɛ munnya nnuu home ne agyapade a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu ɛ. 10 Na sɛ munya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so, na ɔma mo home fi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a, 11 ɛnne faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi ama ne din atena hɔ no, ɛhɔ na momfa nea merehyɛ mo no nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du, ne mo nsam soma afɔrebɔde ne mo bɔhyɛ ade a muyi a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa. 12 Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurow apon mu, efisɛ ɔno de, onni mo mu kyɛfa anaa agyapade. 13 Hwɛ wo ho yiye na woammɔ wo hyew afɔre baabiara a wuhu, 14 gye faako a AWURADE beyi wɔ wo mmusuakuw biako mu no, ɛhɔ na bɔ wo hyew afɔre, na yɛ nea merehyɛ wo nyinaa. 15 Nanso nam biara a ɛdɔ wo kra kɔn no, kum di, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nkurow nyinaa mu; nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nni bi, sɛnea wodi ɔwansan ne ɔforote; 16 mogya no nko na munnni, munhwie ngu fam sɛ nsu. 17 Nea ɛnsɛ sɛ wudi wo nkurow mu ne: W’aburow ne wo nsa ne wo ngo ntotoso du du, ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, ne wo bɔhyɛ ade biara a woahyɛ ho bɔ, ne w’ayamyi afɔre ne wo nsam soma ade; 18 gye AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi no na di, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa, ne Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, nea wode wo nsa ka nyinaa ho. 19 Hwɛ yiye na woannyaw Lewini, nna a wode te w’asase so nyinaa. 20 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛw wo hye mu sɛnea waka akyerɛ wo no, na wuse medi nam, efisɛ ɛdɔ wo kra kɔn sɛ obedi nam a, di nam sɛnea wo kra kɔn dɔ. 21 Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnne kum w’anantwi ne wo nguan a AWURADE de ama wo no bi, sɛnea mehyɛɛ wo no, na di wɔ wo kurom, sɛnea wo kra kɔn dɔ; 22 sɛnea wodi ɔwansan ne ɔforote no, saa ara nso na di; nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa nni. 23 Nanso hwɛ yiye na woanni mogya, efisɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho; 24 nni, hwie gu fam sɛ nsu; 25 nni, na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, sɛ woreyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. 26 Akronkronne a ɛsɛ sɛ wode ma ne wo bɔhyɛ ade na ma so kɔ faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ; 27 na fa nam ne mogya no bɔ wo hyew afɔre, AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka so, na wonhwie w’afɔre no mogya ngu AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no so, na nam no de, di. 28 Hwɛ na tie nsɛm a merehyɛ wo nyinaa na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye daa, sɛ woreyɛ nea eye na ɛteɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani so. Wonnni ahoni akyi 29 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a worekɔ hɔ akotu wɔn no fi w’anim, na wutu wɔn tena wɔn asase so a, 30 hwɛ wo ho yiye na ɔsɛe a wɔasɛe wɔn afi w’anim no akyi no wɔn akyidi anyɛ wo afiri, na woammisa wɔn anyame akyi kwan sɛ: Amanaman yi sonsom wɔn anyame dɛn? Na me nso menyɛ sa. 31 Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn sa, na AWURADE akyide a ɔtan nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmabea mpo, wɔde ogya hyew wɔn ma wɔn anyame. 32 Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi so bi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana