5 Mose 10 - KYERƐW KRONKRONAbo apon no ho asɛm 1 Saa bere no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sinsen abopon abien sɛ kan de no na fa foro bra me nkyɛn bepɔw no so, na yɛ dua adaka; 2 na mɛkyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan apon a wobobɔe no so no mahyɛ apon no so, na fa sie adaka no mu. 3 Na meyɛɛ ɔkanto adaka, na misinsen abopon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a mikura apon abien no wɔ me nsam. 4 Na ɔkyerɛw apon no so sɛ kan nkyerɛwee no, nsɛm du no a AWURADE fi ogya no mu ka kyerɛɛ mo, bepɔw no so guabɔ da no, na AWURADE de maa me. 5 Na medan me ho misian mifii bepɔw no so, mede apon no mibesiee adaka a meyɛe no mu, na ɛwɔ hɔ sɛnea AWURADE hyɛɛ me no. 6 Na Israelfo tu fii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wui na wosiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfo. 7 Efi hɔ na wotu kɔɔ Gudgoda, na wofi Gudgoda kɔɔ Yotba, asase a nsuten wɔ so. 8 Saa bere no na AWURADE yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wonnyina AWURADE anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, de abedu nnɛ da yi. 9 Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapade ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapade, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 10 Na me de, migyinaa bepɔw no so sɛ kan no, adaduanan ne anadwo aduanan, na AWURADE tiee me saa bere no nso, na AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe wo. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kodi ɔman no anim ma wontu nkɔ nkɔfa asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Osetie ho kɔkɔbɔ 12 Na afei, Israel, dɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ wo nkyɛn sɛ gye sɛ wusuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan nyinaa so, na wodɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa som AWURADE wo Nyankopɔn, 13 na wudi AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so, na ayɛ wo yiye? 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 15 Nanso w’agyanom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wapaw wɔn asefo a wodi wɔn akyi a ɛne mo, afi aman nyinaa mu, sɛ ɛte nnɛ yi. 16 Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio. 17 Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfo a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adammude; 18 obu atɛn ma ayisaa ne okunafo, na ɔdɔ ɔhɔho ma no aduan ne nkataho. 19 Enti monnɔ ahɔho, efisɛ moyɛɛ ahɔho Misraim asase so. 20 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka. 21 Ɔno ne w’ayeyi, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nneɛma akɛse a ɛyɛ hu a w’ani ahu yi ama wo. 22 Akra aduɔsɔn na w’agyanom de sian kɔɔ Misraim, na afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodow sɛ ɔsoro nsoromma. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana