5 Mose 1 - KYERƐW KRONKRONMose asɛnka 1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa Yordan agya sare so, Araba tataw so, Suf ntentenso, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam; 2 efi Horeb, Seir bepɔw kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabiako kwan. 3 Na afe a ɛto so aduanan no, ɔsram a ɛto so dubiako, ɔsram no ara da a edi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa; 4 okum a okum Amorifo hene Sihon a ɔte Hesbon, ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi; 5 Yordan agya, Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ: 6 AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: 7 Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho. 8 Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no. Wosi atemmufo 9 Na meka mekyerɛɛ mo bere no mu sɛ: Me nko mintumi minkura mo; 10 AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, nnɛ mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma; 11 AWURADE mo agyanom Nyankopɔn mfa sɛ mote yi mmɔho apem nka mo ho, na onhyira mo sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. 12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi masoa mo ne mo aperedi ho adesoa duruduru yi? 13 Munyiyi mmarima anyansafo ne animdefo a wɔdɛnsow mo mmusuakuw no mu, na memfa wɔn minsisi mo so atitiriw. 14 Na mubuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no ye. 15 Ɛnna mede mo mmusuakuw mu atitiriw, mmarima anyansafo a wɔdɛnsow misisii mo so atitiriw, apem apem so mpanyin ne ɔha ɔha so mpanyin ne aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so ahwɛfo. 16 Na mehyɛɛ mo atemmufo no mmara bere no mu sɛ: Muntie mo nuanom ntam nsɛm, na mummu atɛntrenee onipa ne ne nua ne ne hɔho ntam. 17 Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea; na asɛm a ɛyɛ den sen mo na momfa mmrɛ me, na mintie. 18 Na mehyɛɛ mo nneɛma a monyɛ no nyinaa ho mmara bere no mu. 19 Na yetu fii Horeb, na yɛnantew faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a muhui nyinaa so, Amorifo bepɔw kwan so, sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yeduu Kades-barnea. 20 Na misee mo sɛ: Moadu Amorifo bepɔw a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho. 21 Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu. 22 Ɛnna mo nyinaa mutwiw bɛn me kae sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka ɔkwan ko a yɛbɛfa so ne nkurow a yebedu so no ho asɛm nkyerɛ yɛn. 23 Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dumien, abusuakuw biara mu nipa biako. 24 Na wɔdan wɔn ani foroo bepɔw no, na wokoduu Eskol subon mu, na wɔsrae. 25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de sian brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ye. 26 Nanso moampɛ sɛ moforo, na motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm atua, 27 na munwiinwii mo ntamadan mu sɛ: Ɔtan so na AWURADE yii yɛn fii Misraim asase so, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn. 28 Ɛhe na yɛmfa nkɔ? Yɛn nuanom atutu yɛn koma sɛ: Nnipa no sosoe na wɔwowaree sen yɛn, nkurow no yɛ akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ ɔsoro, na bio nso yehuu Anakfo mma no wɔ hɔ. 29 Na misee mo sɛ: Mommma mo bo nntu, na munnsuro wɔn. 30 AWURADE mo Nyankopɔn a odi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛnea ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara, 31 ne sare so a wuhui sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛnea onipa kura ne ba, akwan a mofaa so no nyinaa so besii sɛ muduu ha yi. 32 Na eyi mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni, 33 nanso ɔno na odii mo anim ɔkwan so sɛ ɔrekɔsra mo nsrabɔbea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa so, ne omununkum mu awia. Onyankopɔn abufuw ( Numeri 14.20-45 ) 34 Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuwii, na ɔkaa ntam sɛ: 35 Awo ntoatoaso bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no! 36 Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na obehu, na ɔno na mede asase a otiaa so no mɛma no ne ne mma, efisɛ wawie AWURADE akyidi. 37 Me nso, mo nti AWURADE faa me abufuw kae sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ! 38 Nun ba Yosua a ogyina w’anim no, ɔno na obedu hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapade no ama Israel. 39 Na mo mma nketewa a muse wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wonnim papa ne bɔne no, wɔn na wobedu hɔ, wɔn na mede mɛma wɔn, na wɔn na wobedi so. 40 Na mo de, monnan mo ho ntu nkɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so. Israelfo asoɔden 41 Ɛnna mubua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akode miamiae no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔw no foro yɛ agoru. 42 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na minni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfo anim. 43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motew AWURADE anom asɛm atua, na mutintim mo anim foroo bepɔw no. 44 Na Amorifo a wɔte bepɔw no so no fi behyiaa mo na wɔtaa mo sɛnea nnowa yɛ, na wokunkum mo Seir koduu Horma. 45 Na mosan besui AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo. 46 Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛ nna a mode tenaa hɔ te no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana