Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 9 - KYERƐW KRONKRON


Twam afahyɛ wɔ Sinai

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so, wɔn Misraim asase so fi afe a ɛto so abien sram a edi kan no mu sɛ

2 Ma Israelfo nni twam no ne bere mu.

3 Ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere, munni no ne bere mu sɛnea; n'ahyɛde ne n'akwan nyinaa so na munni.

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni twam no.

5 Na wodii twam no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere, Sinai sare so; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israelfo no yɛe.

6 Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum funu bi ho, na wɔantumi anni twam no da no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara;

7 na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yɛn ho akum funu bi ho; dɛn nti na wɔkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛde mmmrɛ AWURADE ne bere mu wɔ Israelfo mu?

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnyina hɔ na minkotie nea AWURADE bɛhyɛ ama mo.

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ Sɛ mo anaa mo asefo mu bi ho kum funu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantu mu akyirikyiri a, onni twam mma AWURADE ara.

11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan anwummere na wonni; apiti ne fan nwenenwene na wɔmfa nni:

12 wonnnyaw bi nnkosi anɔpa na wommmu ne dompe bi; wonni no twam no ho ahyɛde no nyinaa so.

13 Na nea ne ho tew na ontuu kwan na ɔpa twam no di no, wobetwa ɔkra no afi ne man mu akyene, efisɛ wamfa AWURADE ayɛyɛde no amma ne bere mu; saa onipa no nsoa ne bɔne.

14 Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo mu a, onni twam mma AWURADE: twam ahyɛde ne ne yɛbea no so na onni; ɔhɔho oo, asase no soni oo, ahyɛde biako na ɛnna hɔ mma mo.


Ogya ne omununkum fadum

15 Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, omununkum no bɛkataa adanse ntamadan no tenabea no so, na anadwofa, wɔhwɛ a, ɛdɛw sɛ ogya, tenabea no so, de kosi anɔpa.

16 Saa na ɛyɛ daa: omununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

17 Na sɛ omununkum no ma ne ho so fi ntamadan no so a, na Israelfo no tu; na nea omununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɔ nsra.

18 AWURADE anom asɛm so na Israelfo no nam tu, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra; nna a omununkum no tena tenabea no so nyinaa, wɔtena nsram.

19 Na mpo sɛ omununkum no di tenabea no so nna pii a, Israelfo no yɛ AWURADE ahyɛde, na wontu.

20 Na sɛ ebia omununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu.

21 Na sɛ ebia omununkum no gyina fi anwummere kosi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wotu; anaasɛ awia ne anadwo na omununkum no ma ne ho so a, wotu;

22 na sɛ nnanu, sɛ ɔsram, sɛ nna bebree, na omununkum no di tenabea no so a esi so ara a, Israelfo no tena nsram na wontu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wotu.

23 AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu; AWURADE ahyɛde na wɔyɛe, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan