Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 5 - KYERƐW KRONKRON


Nnipa a wɔn ho ntew

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfo na wontu akwatafo nyinaa ne wɔn a wɔn ho sen gu nyinaa ne obiara a ɔde funu agu ne ho fi no mfi nsra no mu.

3 Ɔbarima o, ɔbea o, muntu no, nsra no akyi na muntu wɔn nkɔ, na wɔangu mo nsra a mete mu wɔ mo mu no ho fi.

4 Na Israelfo no yɛɛ saa, na wotutuu wɔn kɔɔ nsra no akyi; sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfo no yɛe.


Asodide

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Ɔbarima anaa ɔbea yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,

7 ɔmpae mu nka ne bɔne a wayɛ no, na ontua n'asodide no aboten mfa abupɛn anum mu biako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

8 Na sɛ onipa no awu na onni obusuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodide no bɛma no a, asodide no yɛ AWURADE dea, na wɔmfa mma ɔsɔfo no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

9 Na ɛsoma ade biara, Israelfo akronkronne a wɔde brɛ ɔsɔfo no nyinaa, nyɛ ne de.

10 Na obiara akronkronne a ɔde ba no, ɛnyɛ ne de bio; na nea ɔde ma ɔsɔfo no nyɛ ɔsɔfo no dea.


Ninkuntwe ho asɛm

11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere fi n'akyi na ɔkɔfom no,

13 na ɔbarima bi ne no da na ne ho ka no, na osiw so ne kunu anim, na onnim sɛ ne ho agu fi na ɛho dansefo nni hɔ, na wɔankyere no wɔ so,

14 na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbea no agu ne ho fi, ampa anaasɛ ninkuntwe honhom ba no so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbea no nguu ne ho fi a,

15 ɛnne ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfo no anim. Na ɔmfa ɔbea no ho ayɛyɛde, atokosam olonka abupɛn du mu biako, mmra: onngu so ngo nanso ɔnnto so ohuamfufu, na ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, nkae aduan afɔre a wɔde kae amumɔyɛ.

16 Na ɔsɔfo no mfa ɔbea no mmra mmegyina AWURADE anim.

17 Na ɔsɔfo no nsaw nsu kronkron ngu kuku bi mu, na ɔnsaw tenabea hɔ fam mfutuma bi, na ɔmfa ngu nsu no mu;

18 na ɔsɔfo no mfa ɔbea no nnyina AWURADE anim, na onyi ne ti so nkataso, na ɔmfa nkae aduan afɔre a ɛne ninkuntwe aduan afɔre no nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfo no nkura nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no ne nsam;

19 na ɔsɔfo no mma onni nsew, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae ɛ, na sɛ wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi nsu nwenenwene a ɛde nnome ba yi ho;

20 na sɛ woafi wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, ɛno de

21 na ɔsɔfo no mma ɔbea no nni nsew yi: ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w'asen atotɔ mu na wo yafunu ahon;

22 na nsu a ɛde nnome ba yi ahyɛn wo nsono mu ahon wo yafunu na w'asen atotɔ mu! Na ɔbea no nka sɛ Amen, Amen!

23 Na ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwenenwene no mu,

24 na ɔmma ɔbea no nnom nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no, na nsu a ɛde nnome ba no nkɔ no mu nkɔyɛ nwenenwene.

25 Na ɔsɔfo no nnye ɔbea no nsam ninkuntwe ho aduan afɔre no, na onhim aduan afɔre no AWURADE anim, na ɔmfa mmɛn afɔremuka no;

26 na ɔsɔfo no nsaw aduan afɔre no nsa ma ɛnyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbea no nnom nsu no.

27 Na sɛ ɔma ɔnom, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnne nsu a ɛde nnome ba no bɛhyɛn ne mu akɔyɛ no nwene, na ne yafunu ahon na n'asen atotɔ mu, na ɔbea no adan nnome, ne man mu.

28 Na sɛ ɔbea no ho nguu fi ɛ, na ne ho tew a, ɛnne ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.

29 Eyi ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbea bi fi ne kunu akyi kogu ne ho fi

30 anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbea no mmegyina AWURADE anim, na ɔsɔfo no nyɛ no sɛnea mmara yi hyɛ nyinaa.

31 Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi amumɔyɛ no ho, na ɔbea no asoa n'amumɔyɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan