Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 35 - KYERƐW KRONKRON


Lewifo nkurow

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab tataw so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ;

2 Hyɛ Israelfo na wɔmfa wɔn agyapade a wɔanya no mu nkurow bi mma Lewifo na wɔntena mu, na nkurow no ho mfikyisaase nso momfa mma Lewifo.

3 Na nkurow no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mfikyisaase no nneda hɔ mma wɔn anantwi ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa.

4 Na nkurow no ho mfikyisaase a mode bɛma Lewifo no mfi kurow no fasu akyi nkɔ basafa ahanum ahanum ntwa ho nhyia.

5 Na munsusuw kurow no akyi apuei fam basafa apem, ne anafo fam basafa apem, ne atɔe fam basafa apem, ne atifi fam basafa apem, na kurow no nna ntam: eyi ne nkurow no ho mfikyisaase a ɛnyɛ wɔn dea.

6 Na nkurow a mode ma Lewifo no nyɛ guankɔbea nkurow asia a mode bɛma sɛ nnipakumfo nguan nkɔ hɔ; na momfa nkurow aduanan abien nka ho.

7 Nkurow a mode bɛma Lewifo no nyinaa nyɛ nkurow aduanan awotwe ne ɛho mfikyisaase.

8 Na nkurow a mugye fi Israelfo agyapade mu ma Lewifo no, wɔn a wɔn de dɔɔso no, wɔn hɔ na munnye pii, na wɔn a wɔn de sua no, munnye wɔn hɔ kakra; obiara sɛnea n'agyapade a wanya no dodow te no na ɔmfa ne nkurow no bi mma Lewifo.


Guankɔbea nkurow

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase no so a,

11 munyiyi nkurow a ɛfata na ɛnyɛ guankɔbea nkurow mma mo, na onipakumfo a ne nsa apa obi ho no aguan akɔ hɔ.

12 Na nkurow no nyɛ guankɔbea mma mo mfi ɔweretɔfo nsam, na onipakumfo no anwu kosi sɛ obegyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa.

13 Na nkurow a mubeyi no nyɛ mo guankɔbea nkurow asia.

14 Munyi nkurow abiɛsa mma Yordan agya, na munyi nkurow abiɛsa nso mma Kanaan asase no;

15 ɛnyɛ guankɔbea nkurow, na nkurow asia yi nyɛ guankɔbea mma Israelfo ne ɔhɔho ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ.

16 Na sɛ obi de dade bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no.

17 Na obi kura ɔbo a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no.

18 Anaasɛ okura dua a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ no ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no;

19 mogya ho werefo na onkum owudifo no; ɔto no a, onkum no.

20 Na sɛ ɔtan so na ɔpem no, anaasɛ ɔboapa tow biribi bɔ no ma owu,

21 anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma owu a, okum na wonkum nea ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudifo: mogya ho werefo, sɛ ɔto owudifo no a, onkum no.

22 Na sɛ obi hwe hɔ pem obi mpofirim na ɛnyɛ nitan so, anaasɛ ɔtow ade biara na ɛbɔ no, na wammoapa,

23 anaasɛ wanhu obi na ɔde ɔbo bi a etumi kum nnipa bɔ no ma owu, na ɔnyɛ ne tamfo, nso ɔmpɛ no bɔne bi a,

24 ɛnne asafo no nnyina saa ahyɛde yi so mmu onipakumfo no ne mogya ho werefo no ntam atɛn.

25 Na asafo no nyi onipakumfo no mfi mogya ho werefo no nsam, na asafo no mfa no nsan nkɔ ne guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔasra no ɔsra ngo kronkron no bewu.

26 Na sɛ onipakumfo no fi adi tena ne guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no hye so,

27 na mogya ho werefo no kɔto no ne guankɔbea kurow no hye akyi, na mogya ho werefo no kokum onipakumfo no a, onni mogya ho fɔ.

28 Na anka ɛsɛ sɛ ɔtena ne guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu, na ɔsɔfo panyin no wu akyi no, onipakumfo no asan aba asase a ɛyɛ n'agyapade no so bio.

29 Na eyi nyɛ atemmu ahyɛde mma mo, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, mo tenabea nyinaa mu.

30 Obiara a okum obi no, adansefo anom asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfo no; na ɔdansefo biako nnni adanse nntia ɔkra bi mmma onnwu.

31 Nso munnnye owudifo a odi fɔ sɛ wakum onipa bi no hɔ biribi mmfa nnnye no nkwa, na mmom okum na wonkum no.

32 Na munnnye agyede nso nnsi ne guankɔbea kurow mu guankɔ ananmu mmma ɔnnsan mmmɛtena asase no so kosi sɛ ɔsɔfo no bewu.

33 Monnyɛ saa nnhura asase a mote so no ho, efisɛ mogya no ara na ehura asase no ho, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu so no nti, gye nea ɔkaa mogya gui no ara mogya.

34 Na munngu asase a mote so na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfo mu no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan