Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 34 - KYERƐW KRONKRON


Ahyɛde wɔ Kanaanfo ho

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfo no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu Kanaan asase no so a, eyi ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapade, Kanaan asase no sɛ n'ahye te.

3 Mo anafo fam nkyɛn mu mfi Sin sare so Edom nkyɛn mu; na mo anafo fam hye mfi Nkyene-Po awiei wɔ apuei;

4 na mo hye no mmra Akrabim aforoe anafo fam, na entwam nkɔ Sin, na emfi ha nkɔ Kades-barnea anafo fam, na emfi nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon.

5 Na ɔhye no nkɔntɔn mfi Asmon nkɔ Misraim subon no mu, na ano nkɔpem po no ano.

6 Na atɔe fam hye no de, ɛpo kɛse a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɔhye; ɛno na ɛnyɛ mo atɔe fam hye.

7 Na eyi nyɛ mo atifi fam hye: Mumfi po kɛse no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔw,

8 na mumfi Hor bepɔw ho nkari nea wɔfa kɔ Hamat, na ɔhye no ano nkɔpem Sedad.

9 Na ɔhye no mfi hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; eyi na ɛnyɛ mo atifi fam hye.

10 Na monkari apuei fam hye mfi Hasar-enan nkɔ Sefam;

11 na ɔhye no mfi Sefam nsian nkɔ Ribla, Ain apuei, na ɔhye no nsian ara nkɔpem Kineret po no kɔn so, apuei.

12 Na ɔhye no nsian nkodu Yordan, na ano nkɔpem Nkyene-Po ano. Eyi ne mo asase no sɛnea ɛho ahye te.

13 Na Mose hyɛɛ Israelfo no sɛ: Eyi ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛmu nni so a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuw akron ne fa no.

14 Na Ruben mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Gad mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn kyɛfa.

15 Mmusuakuw abien ne fa abusua no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apuei.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din ni: ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua.

18 Na munyiyi mmusuakuw nyinaa mu mmapɔmma mmiako mmiako, na wɔnkyɛ asase no mu.

19 Mmarima no din ni: Yuda abusuakuw mu: Yefune ba Kaleb;

20 Simeon abusuakuw mu: Amihud ba Semuel;

21 Benyamin abusuakuw mu: Kislon ba Elidad;

22 Dan mma abusuakuw mu bapɔmma: Yogli ba Buki;

23 Yosef mma no de: Manase mma abusuakuw mu bapɔmma: Efod ba Haniel;

24 Efraim mma abusuakuw mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel;

25 Sebulon mma abusuakuw mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan;

26 Isakar mma abusuakuw mu bapɔmma: Asan ba Paltiel;

27 Aser mma abusuakuw mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud;

28 Naftali mma abusuakuw mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel.

29 Eyinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfo no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan