Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 33 - KYERƐW KRONKRON


Israel akwantu

1 Eyinom ne akwan a Israelfo twae bere a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn fii Misraim asase so no, sɛ wɔn dɔm ahorow no te.

2 Mose kyerɛw faako a wotu fii ne akwan a wotwae, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no; na eyinom ne wɔn akwantu mu asoɛe fi faako a wotutu fii no:

3 ɔsram a edi kan no mu wotu fii Rameses; ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunum, Twam no akyi adekyee na Israelfo de ahosɛpɛw kɛse fi kɔe, Misraimfo nyinaa anim;

4 na Misraimfo resie wɔn mmakan a AWURADE kunkum wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Na Israelfo tu fii Rameses kɔbɔɔ nsra Sukot.

6 Na wotu fii Sukot kɔbɔɔ nsra Etam a ɛwɔ sare so.

7 Na wotu fii Etam dan baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔbɔɔ nsra Migdol anim.

8 Na wotu fii Pi-hahirot anim kotwaa ɛpo no kɔɔ sare so, na wɔnantew Etam sare so nnansa kwan kɔbɔɔ nsra Mara.

9 Na wotu fii Mara baa Elim; na Elim na nsuaniwa dumien ne mmɛten aduɔson wɔ, na wɔbɔɔ hɔ nsra.

10 Na wotu fii Elim kɔbɔɔ nsra mmɛw po ano.

11 Na wotu fii mmɛw po ano kɔbɔɔ nsra Sin sare so.

12 Na wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ nsra Dofka.

13 Na wotu fii Dofka kɔbɔɔ nsra Alus.

14 Na wotu fii Alus kɔbɔɔ nsra Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsu annom.

15 Na wotu fii Refidim kɔbɔɔ nsra Sinai sare so.

16 Na wotu fii Sinai sare so kɔbɔɔ nsra Kibrot-hataawa.

17 Na wotu fii Kibrot-hataawa kɔbɔɔ nsra Haserot.

18 Na wotu fii Haserot kɔbɔɔ nsra Ritma.

19 Na wotu fii Ritma kɔbɔɔ nsra Rimon-peres.

20 Na wotu fii Rimon-peres kɔbɔɔ nsra Libna.

21 Na wotu fii Libna kɔbɔɔ nsra Risa.

22 Na wotu fii Risa kɔbɔɔ nsra Kehelata.

23 Na wotu fii Kehelata kɔbɔɔ nsra Sefer bepɔw so.

24 Na wotu fii Sefer bepɔw so kɔbɔɔ nsra Harada.

25 Na wotu fii Harada kɔbɔɔ nsra Makhelot.

26 Na wotu fii Makhelot kɔbɔɔ nsra Tahat.

27 Na wotu fii Tahat kɔbɔɔ nsra Tara.

28 Na wotu fii Tara kɔbɔɔ nsra Mitka.

29 Na wotu fii Mitka kɔbɔɔ nsra Hasmona.

30 Na wotu fii Hasmona kɔbɔɔ nsra Moserot.

31 Na wotu fii Moserot kɔbɔɔ nsra Bene-yaakan.

32 Na wotu fii Bene-yaakan kɔbɔɔ nsra Hor-hagidgad.

33 Na wotu fii Hor-hagidgad kɔbɔɔ nsra Yotbata.

34 Na wotu fii Yotbata kɔbɔɔ nsra Abrona.

35 Na wotu fii Abrona kɔbɔɔ nsra Esion-geber.

36 Na wotu fii Esion-geber kɔbɔɔ nsra Sin sare so, ɛne Kades.

37 Na wotu fii Kades kɔbɔɔ nsra Hor bepɔw ho, Edom asase ano.

38 Na ɔsɔfo Aaron foro kɔɔ Hor bepɔw so, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, kowui wɔ hɔ Israelfo Misraim asase so fi afe a ɛto so aduanan so, ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan.

39 Na Aaron wui Hor bepɔw so no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu abiɛsa.

40 Na Kanaanhene Arad a ɔte Kanaan asase no anafo fam tee sɛ Israelfo no reba.

41 Na wotu fii Hor bepɔw ho kɔbɔɔ nsra Salmona.

42 Na wotu fii Salmona kɔbɔɔ nsra Punon.

43 Na wotu fii Punon kɔbɔɔ nsra Obot.

44 Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-abarim, Moab hye so.

45 Na wotu fii Iyim kɔbɔɔ nsra Dibon-gad.

46 Na wotu fii Dibon-gad kɔbɔɔ nsra Almon-diblataim.

47 Na wotu fii Almon-diblataim kɔbɔɔ nsra Abarim mmepɔw so, Nebo ntentenso.

48 Na wotu fii Abarim mmepɔw so kɔbɔɔ nsra Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49 Na wɔbɔɔ Yordan so nsra fi Bet-yesimot kosii Habel-sitim, Moab tataw so.


Ahyɛde wɔ Kanaanfo ho

50 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51 Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52 ɛnne mompam asase no sotefo nyinaa mfi mo anim, na monsɛe wɔn abo ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔagu no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.

53 Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ munni so.

54 Na momfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuw no: abusuakuw a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na nea osua no, momma ne kyɛfa nsua; nea obiara ntonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne de; munnyigye mo kyɛfa sɛnea mo agyanom mmusuakuw te.

55 Na sɛ moampam asase no sotefo amfi mo anim a, ɛnne wɔn a mubegyaw wɔn no bɛdan mo aniwa mu nsɔe ne mo mfe mu nnunsin, na wɔahiahia mo ho, asase a mote so no so.

56 Na sɛnea misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan