4 Mose 31 - KYERƐW KRONKRONMidianfo sɛe ne Bileam kum 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Tɔ Midianfo so were ma Israelfo, na ɛno akyi no woakɔ wo nsumankyiri. 3 Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia wɔn ho ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfo so. 4 Israel mmusuakuw nyinaa mu, momma abusuakuw biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no. 5 Na woyiyii Israel mpem ahorow mu nnipa mpem dumien a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuw biara mu apem. 6 Na Mose somaa wɔn kɔɔ ɔsa no, abusuakuw biara mu apem, wɔne ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas, a kronkronbea hɔ nneɛma ne osebɔ ntorobɛnto no wɔ ne nsam. 7 Na wɔne Midian kɔkoe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, na wokunkum wɔn mmarima nyinaa; 8 na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a ɛtotɔe no ho. Median ahemfo a wokum wɔn yɛ baanum a wɔne: Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba, na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrante kum no. 9 Na Israelfo no faa Midian mmea ne mmofra nnommum, na wɔfom wɔn anantwi ne wɔn nguan ne wɔn ahode nyinaa; 10 na wɔtotoo wɔn nkurow nyinaa ne wɔn nsraban nyinaa, mu gya. 11 Na wɔde asade no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfae no nyinaa 12 brɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfae ne asade no, wɔde baa nsra no mu, Moab tataw a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so. 13 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mmapɔmma nyinaa fi nsra no mu fii adi kohyiaa wɔn. 14 Na Mose bo fuw dɔm no asafohene a wodi apem apem ne ɔha ɔha so a wofi akono reba no; 15 na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmea no nyinaa nkwa anaa? 16 Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfo wae fii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo mu no. 17 Enti munkunkum mmofra no mu mmarima nyinaa, na mmea no mu biara a onim ɔbarima ne ɔbarima ada no nso, munkum no; 18 na mmofra no mu mmea a wonhuu mmarima nna no de, munnye wɔn nkwa na momfa wɔn. 19 Na mo ankasa nso, mommɔ nsra ntena mu nsra no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obi ne obiara a waka ɔtɔfo no, munnwira mo ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, mo ne mo nnommum no. 20 Na atade biara ne nhoma ade biara ne ade a wɔde abirekyi nwi ayɛ nyinaa ne dua ade nyinaa, munnwira ho. 21 Na ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ akofo a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Eyi ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛde: 22 Sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sanyaa ne sumpii de, 23 ade biara a ɛkɔ ogya mu no, momma ɛmfa ogya mu na ɛho ntew, nanso momfa ahodwira nsu nnwira ho. Na ade biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma ɛmfa nsu mu. 24 Na monhoro mo ntade da a ɛto so ason no, na mo ho ntew, na ɛno akyi ansa na mommra nsra no mu. Asade mu kyekyɛ 25 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 Wo ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu agyanom afi mu atitiriw no mmu nnommum ne nea wɔfae, nnipa ne mmoa, no ano. 27 Na kyɛ asade no mu abien ma akofo a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa. 28 Na gye akofo a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ tow ma AWURADE: nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan mu, ahanum ahanum mu mmiako mmiako, 29 fi wɔn fa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ AWURADE soma afɔrebɔde. 30 Israelfo fa no mu de, gye nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na fa ma Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no. 31 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 32 Nso asade a ɛyɛ asade a dɔm no fae no nkae si nguan ɔpehansia ne ɔpeduɔson anum, 33 ne anantwi ɔpeduɔson abien, 34 ne mfurum ɔpeduosia biako, 35 ne akra, ɔpeduasa abien mmea a wonhuu mmarima nna, mu akra nyinaa si ɔpeduasa abien. 36 Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano si nguan ɔpehasa ne ɔpeduasa ason ne ahannum; 37 na nguan no mu tow a woyi maa AWURADE si nguan ahansia aduɔsɔn anum; 38 na anantwi no si ɔpeduasa asia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduɔson abien; 39 na mfurum no si ɔpeduasa ahanum, na tow a woyii maa AWURADE si aduosia biako; 40 na akra no si ɔpedunsia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduasa abien. 41 Na Mose de AWURADE soma tow no maa ɔsɔfo Eleasar, sɛnea AWURADE hyɛɛ no. 42 Na Israelfo no fa a Mose gyee akofo no nsam no mu de, 43 ɔfa a ɛyɛ asafo no de no ne: nguan no mu ɔpehasa aduasa ason ne ahanum, 44 ne anantwi ɔpeduasa asia, 45 ne mfurum ɔpeduasa ne ahanum, 46 ne nnipa akra ɔpedunsia. 47 Na Mose faa Israelfo no fa no mu de, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na ɔde maa Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 48 Ɛnna asafohene a wodi dɔm mu mpem ahorow so no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitiriw no twiw bɛn Mose 49 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofo a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera; 50 enti na yɛde AWURADE ayɛyɛde reba yi, obiara a onyaa sika nnwinne, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, asomkaa ne kɔmuade, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim. 51 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee wɔn hɔ sika no, nnwinne no nyinaa; 52 na ɛsoma sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa si nnwetɛbona ɔpedunsia ahanson aduonum a efi apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam. 53 Nea akofo no fom kaa ho no, wɔn ara fofae. 54 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiae ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae ade, AWURADE anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana