Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 29 - KYERƐW KRONKRON


Torobɛntohyɛn afahyɛ ho afɔrebɔ

1 Na ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɔnyɛ mo torobɛntohyɛn da.

2 Na mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

3 ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

4 na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

5 ne ɔpapo biako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre de apata ama mo;

6 ɛsono ɔsram foforo so hyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne ɛho ahwiesa sɛ ɛtetee; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam.


Akra asebrɛ da afɔre

7 Na ɔsram a ɛto so ason no ara da a ɛto so du no, munhyia nhyia kronkron, na munni mmuada; monnyɛ adwuma biara;

8 na momfa ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

9 ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

10 abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

11 ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono bɔne ho mpata afɔre ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.


Asese afahyɛ afɔre

12 Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnansɔn mma AWURADE.

13 Na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: anantwinini dumiɛnsa, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

14 ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka anantwinini dumiɛnsa no mu biara ho, abupɛn du mu abien nka adwennini abien no mu biara ho,

15 na abupɛn du mu biako nka nguammaa dunan no mu biara ho;

16 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre, ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

17 Na da a ɛto so abien no: anantwinini dumien, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

18 ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

19 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

20 Na ɛda a ɛto so abiɛsa no: anantwinini dubiako, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

21 ne anantwi, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

22 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

23 Na da a ɛto so anan no: anantwinini du, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

24 ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

25 ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

26 Na da a ɛto so anum no: anantwinini akron, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

27 ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

28 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

29 Na da a ɛto so asia no: anantwinini awotwe, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

30 ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

31 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

32 Na da a ɛto so ason no: anantwinini asɔn, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

33 ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

34 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

35 Ɛda a ɛto so awotwe no, munhyia afahyɛ nhyiam; monnyɛ adwuma den biara;

36 na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

37 nantwinini ne odwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

38 ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

39 Eyinom na monyɛ mma AWURADE, mo fa a mohyɛ no mu, ɛsono mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre, mo hyew afɔre ne mo aduan afɔre ne mo ahwiesa ne mo asomdwoe afɔre.

40 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan