Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 27 - KYERƐW KRONKRON


Selofehad mmabea no kyɛfa ho asɛm

1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmabea a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twiw bae; na ne mmabea no din ne: Mahla, Noa ne Hogla ne Milka ne Tirsa.

2 Na wobegyinaa Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiae ntamadan no ano kae sɛ:

3 Yɛn agya wui sare so, nso ɔno de, ɔmfra asafo a wohyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na n'ankasa ne bɔne nti na owui; nso na onni mmammarima.

4 Ɛdɛn nti na yɛn agya din mpopa mfi n'abusua mu sɛ onni babarima yi? Ma yɛn agyapade yɛn agya ne nuanom mu.

5 Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ

7 Selofehad mmabea no asɛm no teɛ, na ma wɔn agyapade na wonni so wɔn agya ne nuanom mu, na ma wɔn agya agyapade no nyɛ wɔn dea.

8 Na kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na onni babarima a, ɛnne momma n'agyapade nyɛ ne babea de.

9 Na sɛ onni babea nso a, ɛnne momfa n'agyapade mma ne nuammarimanom;

10 na sɛ onni nuammarima nso a, momfa n'agyapade mma n'agya nuanom.

11 Na sɛ n'agya nni nuanom nso a, momfa n'agyapade mma ne bogya a ɔbɛn no n'abusua mu na onni so. Na eyi nyɛ ahyɛde ne mmara mma Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


Wɔpaw Yosua sɛ Israel kannifo
( Deuteronomium 31.1-8 )

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔw yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfo no;

13 na sɛ wunya hu a, watiw wo mpanyimfo, sɛnea Aaron tiw ne mpanyimfo no,

14 efisɛ moyɛɛ m'asɛm ho asoɔden, Sin sare so, asafo no ham no mu a ɛsɛ sɛ anka moyɛ me kronkron, nsu no ho wɔ wɔn ani so no. (Ɛne ɔham nsu no wɔ Kades, Sin sare so).

15 Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ

16 Ma AWURADE, ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so

17 a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.

18 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu no so.

19 Na fa no gyina ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim;

20 na fa w'anuonyam no bi hyɛ no, na Israelfo asafo mu no nyinaa ntie no.

21 Na onkogyina Ɔsɔfo Eleasar anim, na ommisa Urim atemmu mma no, AWURADE anim; ɔno na ɔka a, womfi adi, na ɔka a, wɔmmra mu, ɔno ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.

22 Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kogyinaa ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim,

23 na ɔde ne nsa guu no so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan