Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 26 - KYERƐW KRONKRON


Wɔkan awo ntoatoaso foforo no

1 Na ɔhaw no akyi no AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ:

2 Monkan Israelfo asafo no nyinaa dodow mfi nea wadi mfirihyia aduonu so mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanyimfi te, Israel mu nnipa a wotumi kɔ ɔsa nyinaa.

3 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ wɔn, Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ:

4 Kan wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu de rekɔ no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfo a wofi Misraim asase so bae no.

5 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfo abusua; Palu de, Palufo abusua;

6 Hesron de, Hesronfo abusua; Karmi de, Karmifo abusua.

7 Eyinom ne Rubenfo mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan abiɛsa ne ahansɔn aduasa.

8 Na Palu mma: Eliab;

9 na Eliab mma: Nemuel ne Datan ne Abiram. Eyinom ne Datan ne Abiram, asafo no mu aguasemfo a wɔne Mose ne Aaron hamee Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hamee no mu;

10 na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.

11 Nanso Kora mma de, wɔanwuwu.

12 Simeon mma, sɛ wɔn mmusua te: Nemuel de, Nemuelfo abusua; Yamin de, Yaminfo abusua; Yakin de, Yakinfo abusua;

13 Sera de, Serafo abusua; Saul de, Saulfo abusua.

14 Eyinom ne Simeonfo mmusua. Wosi ɔpeduonu abien ne ahanu.

15 Gad mma, sɛ wɔn mmusua te: Sefon de, Sefonfo abusua; Hagi de, Hagifo abusua; Suni de, Sunifo abusua;

16 Osni de, Osnifo abusua; Eri de, Erifo abusua;

17 Arod de, Arodfo abusua; Areli de, Arelifo abusua.

18 Eyinom ne Gad mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduanan ne ahanum.

19 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwui Kanaan asase so.

20 Na Yuda mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sela de, Selafo abusua; Peres de, Peresfo abusua; Sera de, Serafo abusua.

21 Na Peres mma ni: Hesron de, Hesronfo abusua; Hamul de, Hamulfo abusua.

22 Eyinom ne Yuda mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduɔsɔn asia ne ahannum.

23 Isakar mma, sɛ wɔn mmusua te: Tola de, Tolafo abusua; Puwa de, Puwafo abusua;

24 Yasub de, Yasubfo abusua; Simron de, Simronfo abusua.

25 Eyinom ne Isakar mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia anan ne ahasa.

26 Sebulon mma, sɛ wɔn mmusua te: Sered de, Seredfo abusua; Elon de, Elonfo abusua; Yahleel de, Yahleelfo abusua.

27 Eyinom ne Sebulon mmusua sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia ne ahanum.

28 Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te: Manase ne Efraim.

29 Manase mma: Makir de, Makirfo abusua; na Makir woo Gilead; Gilead de, Gileadfo abusua.

30 Gilead mma ni: Yeser, Yeserfo abusua; Helek de, Helekfo abusua;

31 ne Asriel, Asrielfo abusua; ne Sekem, Sekemfo abusua;

32 ne Semida, Semidafo abusua; ne Hefer, Heferfo abusua;

33 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mmabea; na Selofehad mmabea din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34 Eyinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduonum abien ne ahanson.

35 Efraim mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sutela de, Sutelafo abusua; Beker de, Bekerfo abusua; Tahan de, Tahanfo abusua.

36 Na Sutela mma ni: Eran de, Eranfo abusua.

37 Eyinom ne Efraim mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduasa abien ne ahanum. Eyinom ne Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te.

38 Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te: Bela de, Bela abusua; Asbel de, Asbel abusua; Ahiram de, Ahiram abusua;

39 Sefufam de, Sefufam abusua; Hufam de, Hufam abusua.

40 Na Bela mma ne Ard ne Naaman; Ard de, Ard abusua; Naaman de, Naaman abusua.

41 Eyinom ne Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahansia.

42 Dan mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Suham de, Suhamfo abusua. Eyinom ne Dan mmusua, sɛ wɔn mmusua te.

43 Suhamfo mmusua nyinaa sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te si ɔpeduosia anan ne ahannan.

44 Aser mma, sɛ wɔn mmusua te: Yimna de, Yimnafo abusua; Isui de, Isuifo abusua; Beria de, Beriafo abusua;

45 Beria mma de: Heber de, Heberfo abusua; Malkiel de, Malkielfo abusua.

46 Na Aser babea din de Sera.

47 Eyinom ne Aser mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te: ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan.

48 Naftali mma, sɛ wɔn mmusua te: Yakseel de, Yakseelfo abusua; Guni de, Gunifo abusua;

49 Yeser de, Yeserfo abusua; Silem de, Silemfo abusua.

50 Eyinom ne Naftali mmusua, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahanan.

51 Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn no: ɔpehansia ne baako, ahansɔn aduasa.


Asase no kyɛ ho nhyehyɛe

52 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

53 Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te.

54 Abusuakuw a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na nea esua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛnea obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano te na wɔmma no n'agyapade.

55 Nanso ntonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wonnye wɔn kyɛfa no sɛnea wɔn agyanom mmusuakuw no din te.

56 Ntonto so na wɔmfa nkyɛ agyapade mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wosua.


Lewifo mmusua

57 Na Lewifo a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te ni: Gerson de, Gersonfo abusua; Kohat de, Kohatfo abusua; Merari de, Merarifo abusua.

58 Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua, Hebronfo abusua, Mahlifo abusua, Musifo abusua, Korafo abusua. Na Kehat woo Amram.

59 Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam maa Amram.

60 Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar maa no;

61 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wowuwui.

62 Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduonu abiɛsa, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfo, na wɔamma wɔn agyapade Israelfo mu.


Kaleb ne Yosua

63 Eyinom ne wɔn a Mose ne ɔsɔfo Eleasar kenkan wɔn, ɔkan a wɔkan Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

64 Nso ɔbarima biara mfra eyinom mu a ofi nnipa a Mose ne ɔsɔfo Aaron kan wɔn, bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no mu,

65 efisɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ owu na wobewuwu sare so, na wɔn mu biara anka, sɛ Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan