Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 25 - KYERƐW KRONKRON


Israel aguamammɔ ne abosonsom

1 Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman;

2 na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no;

3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuw Israel;

4 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitiriw no nyinaa, na sensɛn wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyew no nsan mfi Israel so.

5 Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no sɛ: Munkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.

6 Na hwɛ, ɔbarima bi fi Israelfo no mu bae a ɔde Midianni bea bi baa ne nuanom nkyɛn, Mose aniso ne Israelfo asafo no nyinaa aniso; ɛbere a wɔn de, wɔresu ahyiae ntamadan no ano.

7 Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas hui no, ɔsɔre fii asafo no mu kɔfaa peaw kurae,

8 na odii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbea no nyinaa hwirew n'ayaase; na ɔhaw no to twae fii Israelfo no so.

9 Na nnipa a wowuwui ɔhaw no mu ano si ɔpeduonu anan.

10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

11 Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas asianka m'abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu, a enti manhyew Israelfo wɔ me ninkuntwe mu.

12 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m'asomdwoe apam merema no,

13 na ayɛ ɔno ne n'asefo a wɔbɛba n'akyi no daa asɔfodi apam, efisɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfo.

14 Na Israelni a wokum no, ne Midianni bea no din ne: Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfo mpanyimfi mu bapɔmma.

15 Na Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfo mu mpanyimfi so man panyin no ba.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Munhiahia Midianfo ho na munkum wɔn,

18 esiane sɛ wɔn nso wɔn anifere a wɔde ahiahia mo ho, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabea Kosbi, Midian safohene no ba a wokum no da a Peor ho haw no bae no nti.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan