Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 24 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Bileam hui sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛ ɔkɔe kan no, na mmom ɔde n'ani kyerɛɛ sare no so.

2 Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so,

3 na ɔkasae sɛ Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya,

4 nea ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, nea ohu Tweaduampɔn anisoade, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no:

5 Wo ntamadan yɛ fɛ dɛn ara, Yakob, wo tenabea no, Israel!

6 Ɛyerɛw sɛ asubon, sɛ asu so nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛw, te sɛ nsu so nkyeneduru.

7 Ne nsusaw ade mu nsu bubu so, na n'asefo tena nsu pii mu. Ne hene so sen Agag, na wɔbɛma n'ahenni so.

8 Onyankopɔn na oyii no fii Misraim, n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n'atamfo, na wadwerɛw wɔn nnompe, na ɔde n'agyan awowɔ wɔn.

9 Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere, hena na ɔbɛma wasɔre? Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo.


Balak gya no kwan

10 Ɛnna Balak bo fuw Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M'atamfo nnome nti na mihyiaa wo, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mpɛn abiɛsa yi?

11 Na afei guan kɔ nea wufi! Mekae sɛ anka mɛhyɛ wo anuonyam, na hwɛ, AWURADE asiw w'anuonyam ho kwan.

12 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: So manka mankyerɛ w'abɔfo a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ:

13 Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mentena AWURADE asɛm mimfi me komam menkɔyɛ papa anaa bɔne; nea AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka?

14 Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa nkyerɛ wo nea ɔman yi bɛyɛ wo man nna a edi akyiri no mu.

15 Na ɔkasae sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya,

16 nea ɔte Nyankopɔn nsɛm na ohu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, nea ɔhwɛ Tweaduampɔn ahwɛde, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no:

17 Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.

18 Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n'atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenne ara.

19 Na obi a ofi Yakob mu bedi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kurow no mu no.

20 Afei ɔhwɛɛ Amalek toaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n'awiei bewie no ɔsɛe mu.

21 Na ɔhwɛɛ Kenifo toaa ne kasa no so kae sɛ: Wo tenabea si hɔ pintinn, na wode wo berebuw asie ɔbotan mu;

22 nanso wobegu Kain ase, de akosi sɛ Asur bɛfa wo nnommum.

23 Na owie ne kasa no sɛ: Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ eyi a, hena na obenya nkwa?

24 Na ahyɛn befi Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso awie no ɔsɛe mu.

25 Ɛnna Bileam sɔree, na osiim san kɔɔ n'atenae; na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan