Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 23 - KYERƐW KRONKRON


Balak nkɔmhyɛ a edi kan

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha.

2 Na Balak yɛe sɛnea Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini biako ne odwennini biako bobɔɔ ɔhyew afɔre, afɔremuka biara so.

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kogyina wo hyew afɔre no ho, na menkɔ: ebia AWURADE behyia me, na ade ko a ɔbɛma mahu no, mɛka makyerɛ wo. Na osiim kɔɔ koko pataa bi so.

4 Na Onyankopɔn behyiaa Bileam, na Bileam ka kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔremuka asɔn, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛnea kasa ne no.

6 Na ɔsan kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, ɔno ne Moab atitiriw nyinaa.

7 Na ɔkasae sɛ: Aram na Balak kɔfaa me fii, Moab hene no faa me fii apuei mmepɔw mu sɛ Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome nea Onyankopɔn nnomee no no, na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ nea AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9 Abotan atifi na mifi mihu no, na nkoko so na mifi migyen no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena ni, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Hena na ɔbɛkan Yakob mfutuma ne Israel abupɛn anan mu biako dodow? Ma menwu teefo wu, na m'awiei nyɛ sɛ wɔn de.

11 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Woyɛ me dɛn ni? M'atamfo nnome nti na mekɔfaa wo bae, na hwɛ, nhyira na wuhyira wɔn.

12 Na obuae sɛ: So ɛnyɛ nea AWURADE de hyɛ m'anom no na ɛsɛ sɛ mehwɛ meka?


Bileam nkɔmhyɛ a ɛto so abien

13 Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne bra na yɛnkɔ baabi foforo ɛ, faako a wubehu wɔn; wɔn ano nko na wubehu, na worenhu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14 Na ɔde no kɔɔ Sofim sare so, Pisga bepɔw atifi, na osii afɔremuka asɔn, na ɔde nantwinini ne odwennini bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

15 Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w'afɔremuka no ho ara, na me de, merekɔ makɔhwɛ.

16 Na AWURADE behyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n'anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na kasa.

17 Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, na Moab atitiriw no ne no gyinagyina hɔ; na Balak bisaa no sɛ: Dɛn na AWURADE kae?

18 Na ɔkasaa mmebu mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?

20 Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennan ani.

21 Wanhu amumɔyɛ Yakob mu, na wanhu ɔhaw Israel mu. AWURADE Nyankopɔn di n'akyi, na ɔhene ho ahurusi wɔ no mu.

22 Onyankopɔn ayi wɔn afi Misraim, n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de.

23 Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayeyi!

24 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabere, na ɔma ne ho so sɛ gyata: ɔremmutuw gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfo mogya ansa.

25 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ?


Nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa

27 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforo, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ sare pradada no so no.

29 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na fa anantwinini ason ne adwennini ason brɛ me ha.

30 Na Balak yɛe sɛ Bileam kae no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan