4 Mose 22 - KYERƐW KRONKRONBalak soma ma wokohyia Bileam 1 Na Israelfo no tu kɔbɔɔ nsra wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya. 2 Na Sipor ba Balak huu nea Israel yɛɛ Amorifo no nyinaa. 3 Na Moab suroo ɔman no pii, efisɛ wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfo no nti. 4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo sɛ: Afei dɔm yi bedi yɛn ho ade nyinaa, sɛnea nantwi di asase so wura no. Saa bere no mu na Sipor ba Balak ne Moab hene. 5 Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfo asase so sɛ, wonkohyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wogu m'anim yi. 6 Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me, sɛ ebia metumi makum wɔn, na mapam wɔn afi asase yi so anaa; na minim sɛ nea wuhyira no no, wɔahyira no, na nea wodome no no, wɔadome no. 7 Na Moab mpanyin ne Midian mpanyin no siim kɔe, na adebisa so akatua no wɔ wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n'anim. 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuae bɛbrɛ mo, sɛnea AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ. 9 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkae sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi? 10 Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moab hene Sipor ba Balak na ɔsoma baa me nkyɛn bɛkae sɛ: 11 Hwɛ, ɔman a wofi Misraim bae no abɛkata asase ani, afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia metumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa? 12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Wo ne wɔn nnkɔ, nkɔdome ɔman no, efisɛ mahyira wɔn. 13 Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ. 14 Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkae sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba. 15 Na Balak san somaa atitiriw a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sen kanfo no. 16 Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak se ni: Afei de, mma biribi nnsiw wo me nkyɛn ba kwan, 17 na mɛhyɛ wo anuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ enti bra ara, na bɛdome ɔman yi ma me. 18 Na Bileam bua see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika ayɛ no ma no, ma me po a, merentumi mimmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛse. 19 Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na minhu nea AWURADE bɛsan aka akyerɛ me. 20 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ nhyia na mmarima yi behyiaa wo a, sɔre na wo ne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ wo no nko na di so. N'afurum gye no nkwa 21 Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n'afurum na ɔne Moab atitiriw no siim kɔe. 22 Na ɔrekɔ no, Onyankopɔn bo fuwii, na AWURADE bɔfo begyinaa ɔkwan no so sɛ obesiw no kwan; nso na ɔte n'afurum so na ne nkoa baanu ne no na ɛnam. 23 Na afurum no huu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina ɔkwan mu kura nkrante a watwe no, ɔman fii kwan no so kɔfaa wuram; na Bileam hwee afurum no sɛ ɔredan no aba ɔkwan mu. 24 Ɛnna AWURADE bɔfo no kogyinaa bobe nturo ntam anammɔnkoro kwan bi mu a ɔfasu wɔ ha ne ha. 25 Na afurum no huu AWURADE bɔfo no no, ɔde ne ho miaa ɔfasu no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasu no; na ɔkɔɔ so hwee no ara. 26 Na AWURADE bɔfo no twiw kɔɔ anim kogyinaa nea ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdan akɔ nifa anaa benkum. 27 Na afurum no huu AWURADE bɔfo no no, obutuw fam Bileam ase; na Bileam bo fuwii, na ɔde abaa bɔɔ afurum no. 28 Ɛnna AWURADE buee afurum no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Dɛn na mayɛ wo na woabɔ me mpɛn abiɛsa yi? 29 Na Bileam ka kyerɛɛ afurum no sɛ: Sɛ woagoru me ho ntia! Sɛ mikura nkrante a, anka sesɛɛ makum wo. 30 Na afurum no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: So ɛnyɛ w'afurum ne me a woatena me so ara de abesi nnɛ da yi? So mayɛ wo sɛɛ pɛn? Na ose: Dabi. 31 Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina ɔkwan mu kura nkrante a watwe, na ɔkotow de n'anim butuw fam. 32 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wobɔɔ w'afurum no mpɛn abiɛsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wo kwan nteɛ wɔ m'anim; 33 na afurum no huu me, na ɔman fii m'anim mpɛn abiɛsa yi; sɛ wamman amfi m'anim a, anka sesɛɛ makum wo dedaw, na ɔno de, magye no nkwa. 34 Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Mayɛ bɔne, na minnim sɛ wo na wugyina ɔkwan mu hyia me; na afei, sɛɛ yɛ bɔne w'ani so de a, mɛsan m'akyi. 35 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Wo ne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ wo no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitiriw no siim kɔe. 36 Na Balak tee sɛ: Bileam reba no, ofi kohyiaa no, Moab kurow a ɛda Arnon a ɛyɛ ɔhye no so no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ. 37 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: So ɛnyɛ ɔsoma na mesomae sɛ, wommehyia wo mmra? Ɛdɛn nti na woamma? So wugye di sɛ merentumi menhyɛ wo anuonyam? 38 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, maba wo nkyɛn afei; so metumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m'anom no, ɛno na mɛka. 39 Na Bileam ne Balak kɔe, na woduu Kiriat-husot. 40 Na Balak de anantwi ne nguan bɔɔ afɔre ma wɔde kɔmaa Bileam ne atitiriw a wɔne no wɔ hɔ no. 41 Na ade kyee no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ofi hɔ huu ɔman no ano. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana