4 Mose 20 - KYERƐW KRONKRONMeriba nsu no 1 Na Israelfo asafo mu no nyinaa baa Sin sare so, ɔsram a edi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wui wɔ hɔ, na wosiee no hɔ ara. 2 Nso na nsu nni hɔ mma asafo no, na wohyia tiaa Mose ne Aaron. 3 Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkae sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛn nuanom wuwui AWURADE anim no, yewuwui bi. 4 Na ɛdɛn nti na mode AWURADE man asafo aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa yi? 5 Na ɛdɛn nti na muyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba nea enye yi, nea wontumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne ateaa nni, na nsu po a wɔnom nni yi? 6 Na Mose ne Aaron fii asafo no anim baa ahyiae ntamadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuw fam; na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn. 7 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 8 Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monhyɛ ɔbotan no wɔn anim, sɛ ɔmma ne nsu, na yi ɔbotan no mu nsu ma wɔn, ne wɔn asafo ne wɔn mmoa nnom. 9 Na Mose faa poma no fii AWURADE anim, sɛnea ɔhyɛɛ no no; 10 na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Muntie ɛ, mo atuatewfo, so yenyi nsu mfi ɔbotan yi mu mma mo? 11 Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mpɛn abien, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee. 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me anni, na moanyɛ me kronkron, Israelfo anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnu asase a mede mama wɔn no so. 13 Eyi ne Meriba asu, efisɛ Israelfo ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu. 14 Na Mose somaa abɔfo fi Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel se ni: Wo ara wunim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa, 15 sɛ yɛn agyanom sian kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfo yɛɛ yɛn ne yɛn agyanom bɔne; 16 na yesu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfo beyii yɛn fii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kurow a ɛwɔ wo hye so mu. 17 Ma yɛmfa w'asase so; yɛremfa mfuw ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsu bi; yɛbɛnantew ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremman nifa anaa benkum de bɛkɔ akosi sɛ yebetwam w'asase so. 18 Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me ha, na mamfa nkrante mamfi adi mammehyia wo. 19 Na Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ɔtempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsu bi a, yebetua ka; ɛnyɛ asɛm bi, na me nan nko na ma memfa mintwam. 20 Na ose: Mommetwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den fii adi behyiaa wɔn. 21 Na Edom kamee Israel kwan a ɔde betwam n'asase so. Enti Israel man fii ne ho. 22 Na Israelfo asafo mu no nyinaa tu fii Kades, na wɔbaa Hor bepɔw ho. 23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔw ho, Edom asase hye so sɛ: 24 Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho. 25 Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔw, 26 na yi Aaron ntade no fa hyɛ ne ba Eleasar, onwu wɔ hɔ na ontiw ne mpanyimfo wɔ hɔ. 27 Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔw, asafo no nyinaa anim. 28 Na Mose yiyii Aaron ntade no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wui ɛhɔ wɔ bepɔw no atifi. Na Mose ne Eleasar fii bepɔw no so sianee. 29 Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana