Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 18 - KYERƐW KRONKRON


Lewifo no ne Asɔfo no asɛde

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanyimfi nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumɔyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodi ho amumɔyɛ.

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuw, w'agya abusuakuw no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom no mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanse ntamadan no anim,

3 na wonkura w'adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntamadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nneɛma ne afɔremuka no ho nko na wɔmmmɛn, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.

4 Na wɔnka wo ho, na wonkura ahyiae ntamadan no ho adwuma no mu nyɛ ntamadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforo biara ammɛn mo.

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma ne afɔremuka no ho nnwuma no, na abufuhyew bi amma Israelfo so bio.

6 Na me de, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifo afi Israelfo mu mama mo sɛ akyɛde a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma no.

7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no.

8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me de, hwɛ, mede me soma ade so hwɛ mema wo; Israelfo akronkronne nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.

9 Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma.

10 Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɔnyɛ wo ade kronkron.

11 Na eyi nso nyɛ wo de: wɔn ayɛyɛde mu soma ade, Israelfo him afɔre nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho tew, wo fi mu, nni bi.

12 Ngo foforo mu nea eye koraa no nyinaa ne nsa foforo ne awi mu nea eye koraa no nyinaa, emu adekan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama wo.

13 Wɔn asase so ade nyinaa mu adekan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo de; obiara a ne ho tew wɔ wo fi nni bi.

14 Israel mu ahyirade nyinaa nyɛ wo de.

15 Ade biara a ebue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo de; nnipa mmakan, ne afieboa a wɔn ho ntew mmakan nso wonhyɛ wɔn anan mu.

16 Na ananmuhyɛde no de, nea wadi ɔsram no, ma wonnye no dwetɛ nnwetɛbona anum a wobɛhyɛ ama wɔn, sɛ kronkronbea dwetɛbona a ano si gera aduonu no te.

17 Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

18 Na wɔn nam nyɛ wo de sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo de no.

19 Akronkronne mu soma ade a Israelfo de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɔnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w'asefo a wɔka wo ho no.

20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worenni, na worennya kyɛfa bi wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w'agyapade Israelfo mu.

21 Na Lewifo no de, wɔn som a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nti, hwɛ, mede Israel mu ntotoso du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapade.

22 Na Israelfo no mmmɛn ahyiae ntamadan no bio, na wɔamfa mmusu anwuwu;

23 na Lewifo no de, wɔn na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma, na, wɔnsoa ɛho mmusu: ɛyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; na Israelfo mu de, wɔrennya agyapade bi.

24 Na Israelfo ntotoso du du a wɔmoma no yɛ soma ade ma AWURADE no, mede mama Lewifo no sɛ agyapade; ɛno nti na maka wɔn ho sɛ wɔrennya agyapade bi Israelfo mu no.

25 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

26 Lewifo de, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mugyigye Israelfo hɔ ntotoso du du a mede mama mo fi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapade no a, ɛnne momma emu bi so nyɛ AWURADE soma ade, ntotoso du du no mu ntoso du.

27 Na wommu mo soma ade mma mo sɛ awiporowbea awi ne nsa-kyi-amoa mu adenya.

28 Enti mo nso momma soma ade so mma AWURADE mfi mo ntotoso du du a mugyigye Israelfo hɔ nyinaa mu, na momfa emu soma ade a ɛyɛ AWURADE de no mma ɔsɔfo Aaron.

29 Ade a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE soma ade nyinaa, emu nea eye koraa no nyinaa mu akronkronne.

30 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu nea eye koraa no so a, wommu nea aka no mma Lewifo sɛ awiporowbea nnɔbae ne nsa-kyi-amoa mu adenya.

31 Na munni no baabiara, mo ne mo fifo, na ɛyɛ mo ahyiae ntamadan ho som adwuma so akatua.

32 Na moma emu nea eye koraa no ma a, ɛnne na mmusu bi nna mo so na munngu Israelfo akronkronne ho fi, na moanwuwu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan