Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 16 - KYERƐW KRONKRON


Kora, Datan ne Abiram atuatew

1 Na Lewi ba Kohat ba Ishar ba Kora ne Eliab mma Datan ne Abiram ne Pelet ba On a wofi Ruben abusua mu, faa nnipa bi,

2 na wɔne Israelfo mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ baguafo, nnipa a wɔwɔ din, sɔre tiaa Mose;

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so gua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moayɛ bi! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, AWURADE wɔ wɔn mu biara mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so AWURADE bagua so?

4 Na Mose tee no, ɔde n'anim butuw fam;

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n'asafo no nyinaa sɛ ɔkyena nko ara AWURADE bɛma wɔahu nea ɔyɛ ne de ne nea ɔyɛ kronkron a ɔbɛma wabɛn no; na nea ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma wabɛn no.

6 Eyi na monyɛ Kora ne n'asafo no nyinaa, momfofa aduhuam nkukuwa,

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, AWURADE anim ɔkyena; na onipa a AWURADE beyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei de, ayɛ yie, mo Lewi mma!

8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, muntie me ɛ!

9 So ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no atew mo afi Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?

10 Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodi nso yi?

11 Enti AWURADE na wo ne w'asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron de, hena ne no na munwiinwii hyɛ no?

12 Na Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wose: Yɛremma!

13 So ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afi asase a ɛsen nufusu ne wo so rebekum yɛn sare so, na woredi yɛn so mmakomasɛm nso yi?

14 Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsen nufusu ne ɛwo so, na wommaa yɛn mfuw ne nturo sɛ yenni so; na mmarima yi aniwa na worebetutu? Yɛremma!

15 Ɛnna Mose bo fuwii pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnan w'ani nkyerɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee wɔn nsam afurum biako po ɛ, nanso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi ɛ.

16 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w'asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena;

17 na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhuam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.

18 Na wɔn mu biara faa ne kukuwa, na wɔsosɔɔ ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so de begyinagyinaa ahyiae ntamadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.

19 Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so gua hyiae ntamadan no ano. Na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.

20 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

21 Montwe mo ho mfi asafo yi mu, na memmene wɔn afrɛso.

22 Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ

24 Montwe mo ho so mfi Kora, Datan ne Abiram tenabea ho.

25 Na Mose sɔre siim kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanyimfo dii n'akyi kɔe.

26 Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfi nnipa bɔnefo yi ntamadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.

27 Na wɔmaa wɔn ho so fii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram fii adi begyinagyinaa wɔn ntamadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa.

28 Na Mose kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛe yi nyinaa, na emfi m'ankasa.

29 Sɛ nnipa nyinaa owu na eyinom bewuwu na nea ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnne na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me;

30 na sɛ ade foforo na AWURADE bɛbɔ na asase bebue n'ano amene wɔn ne nea ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asan akɔ asaman a, ɛnne munhu sɛ mmarima yi ayi AWURADE ahii.

31 Na owiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee,

32 na asase buee n'ano menee wɔn ne wɔn afi ne nnipa a wɔka Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;

33 na wɔne nea wɔwɔ nyinaa nam anikan sian kɔɔ asaman, na asase sram wɔn so, na wɔyerae wɔ ɔman asafo no mu.

34 Na Israelfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa guanee, wɔn gyegyeegye no ano, kae sɛ: Anyɛ a, asase bɛmene yɛn nso!

35 Na ogya fii AWURADE nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no.

36 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

37 Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, na ɔntase nkukuwa no mfi nhyewee no mu, na dwiriw ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron:

38 Nnebɔneyɛfo yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abona atɛtrɛtɛ nkata afɔremuka no ho, efisɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo.

39 Na ɔsɔfo Eleasar faa kɔbere nkukuwa a wɔn a wɔahyew no de bae no, na wɔboro de yɛɛ afɔremuka no ho nkataho,

40 sɛ ɔnyɛ Israelfo nkae ade, na onipa foforo a omfi Aaron asefo mu no ammɛn ammɛhyew aduhuam, AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne ne dɔm no, sɛnea AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

41 Na n'adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE man.

42 Na asafo no boaboaa wɔn ho ano hyɛɛ Mose ne Aaron no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ ahyiae ntamadan no, na hwɛ, omununkum no akata so, na AWURADE anuonyam yii ne ho adi.

43 Na Mose ne Aaron baa ahyiae ntamadan no anim.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Monsɔre mfi asafo yi mu na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam.

46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na sɔ afɔremuka no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn; na AWURADE bo afuw, ɔyaredɔm no afi ase.

47 Na Aaron faa nea Mose kae no, na otuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, ɔyaredɔm no afi ase ɔman no mu; na ɔde aduhuam no mae de pata maa ɔman no.

48 Na ogyinaa awufo ne anikanfo no ntam, na wosiw ɔyaredɔm no ano.

49 Na nnipa a wowuwui ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahansɔn, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no.

50 Na ɔyaredɔm no to twae, Aaron san baa Mose nkyɛn ahyiae ntamadan no ano.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan