4 Mose 14 - KYERƐW KRONKRONƆman no anwiinwii 1 Ɛnna asafo mu no nyinaa momaa wɔn nne so, na ɔman no sui anadwo no. 2 Na Israelfo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yewuwui Misraim asase so, anaa sare so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu. 3 Na ɛdɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio? 4 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yensi otitiriw na yɛnsan nkɔ Misraim. 5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam, Israelfo asafo bagua no nyinaa anim. 6 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafo no mu no sunsuanee wɔn ntade mu, 7 na wɔka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asase a yetwaa mu kɔsrae no yɛ asase pa ara. 8 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. 9 AWURADE ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, AWURADE di yɛn akyi, munnsuro wɔn. 10 Na asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw Yosua ne Kaleb abo. Ɛnna AWURADE anuonyam puei ahyiae ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛtew me ahi akosi da bɛn? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa akyi? 12 Mede owuyare mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn. 13 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛno de, Misraimfo bɛte, efisɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afi wɔn mu; 14 na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofo. Wɔate sɛ wo AWURADE wowɔ ɔman yi mu a woma wohu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wudi wɔn anim omununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo; 15 na sɛ wukum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ: 16 Esiane sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no so nti, na wakum wɔn sare so. 17 Enti mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛse, sɛnea wokae sɛ: 18 AWURADE yɛ abufuw mu nyaa na n'adɔe dɔɔso: Ɔde amumɔyɛ ne mmarato kyɛ, nanso ommu nea odi fɔ no kumfɔ; na otua agyanom amumɔyɛ so ka de fa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so. 19 Fa ɔman yi amumɔyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛ wo dom kɛse no te, ne sɛnea wode afiri ɔman yi afi Misraim abedu ha yi no. 20 Na AWURADE kae sɛ: Mede makyɛ wɔn sɛ w'asɛm se no, 21 nanso sɛ mete ase na AWURADE anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi, 22 mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa, 23 ampa ara, wɔrenhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn a wɔatew me ahi no mu biara nso renhu. 24 Na m'akoa Kaleb de, sɛ honhom a ɛso wɔ no mu na wadi m'akyi awie nti, mede no medu asase a ɔkɔɔ so no so, na n'asefo adi so. 25 Na Amalekfo ne Kanaanfo no te bon no mu nti, ɔkyena monnan mo ho ntu nkɔ sare so mmɛw po kwan so. Anwiinwiifo no asotwe 26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wonwiinwii hyɛ me no nkosi da bɛn? Israelfo anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no, mate. 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara, sɛ mete ase yi, AWURADE na ose, sɛnea moakasa agu m'asom no, saa ara na mɛyɛ mo: 29 Num yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛnea mo nyinaa ano si fi wɔn a wɔadi mfe aduonu de rekɔ, mo a munwiinwii hyɛɛ me no, 30 morennu asase a mekaa ntam sɛ mede mo mɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua. 31 Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no. 32 Na mo de, mo afunu bɛdeda sare yi so, 33 na mo mma ayɛ mmoahwɛfo, sare so, mfirihyia aduanan, na wɔasoa mo aguamammɔ akosi sɛ mo afunu bewie ɔsa sare so. 34 Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no. 35 Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, eyi na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔahyia ahyɛ me yi nyinaa. Num yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ. 36 Na mmarima a Mose soma ma wɔkɔsraa asase no a wɔsan bae na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ no, sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne, fi trɛwee no, 37 mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne fi trɛwee no wuwuu atɔfo wu, AWURADE anim, 38 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko. Asoɔden so asotwe 39 Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no nyinaa; na ɔman no dii nkɔmmɔ pii. 40 Na wotuaa ahema foro kɔɔ bepɔw no atifi kae sɛ: Yɛn ni, yɛbɛforo akɔ nea AWURADE kae hɔ, efisɛ yɛayɛ bɔne. 41 Na Mose kae sɛ ɛdɛn na mofom AWURADE asɛm no so yi? Eyi de, ɛrenyɛ yie. 42 Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfo anim; 43 na Amalekfo ne Kanaanfo wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrante ano; na sɛ moasan afi AWURADE akyi yi, AWURADE nso renni mo akyi. 44 Na wotintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔw no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfi nsra no mu. 45 Ɛnna Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian bae bekunkum wɔn bobɔɔ wɔn pete koduu Horma. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana