Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 13 - KYERƐW KRONKRON


Akwansrafo no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfo no; monsoma ɔbarima biako mfi wɔn agyanom abusuakuw biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn fii Paran sare so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfo mu atitiriw.

4 Na wɔn din ni: Ruben abusuakuw mu de ne Sakur ba Samua;

5 Simeon abusuakuw de, Hori ba Safa;

6 Yuda abusuakuw de, Yefune ba Kaleb;

7 Isakar abusuakuw de, Yosef ba Igal;

8 Efraim abusuakuw de, Nun ba Hosea;

9 Benyamin abusuakuw de, Rafu ba Palti;

10 Sebulon abusuakuw de, Sodi ba Gadiel;

11 Yosef abusuakuw a ɛne Manase abusuakuw de, Susi ba Gadi;

12 Dan abusuakuw de, Gemali ba Amiel;

13 Aser abusuakuw de, Mikael ba Setur;

14 Naftali abusuakuw de, Wofsi ba Nahbi;

15 Gad abusuakuw de, Maki ba Geuel;

16 eyinom ne mmarima a Mose soma kɔsraa asase no. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.

17 Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa anafo fam ha yi, na monkɔforo mmepɔw no;

18 na monkɔhwɛ asase no sɛnea ɛte ne aman a wɔtete so no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔagurow, wosua anaasɛ wɔdɔɔso,

19 ne sɛnea asase a wɔtete so no te, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne, ne sɛnea nkurow a wɔtete mu no tetee, sɛ wɔtete nsra mu anaa aban mu,

20 ne sɛnea asase no te, sɛ emu yɛ bɛtɛɛ anaa kyenkyerenn, sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoduru ntetew asase no so aba bi mmra. Nso saa bere no yɛ bobe aba a edi kan bere.

21 Na wosiim kɔe kɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob, nea wɔnam kɔ Hamat no.

22 Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim).

23 Na woduu Eskol bon mu, na wotwaa obobe baa ne bobe kasiaw biako wɔ so wɔ hɔ, na nnipa baanu wuraa no dua, ne ateaa ne borɔdɔma.

24 Esiane sɛ: Israelfo no twaa obobe aba kasiaw wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol: ase ne: Bobe kasiaw.

25 Na adaduanan dui no, wɔsan fii asase no sra bae.

26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.

27 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn so no so, na ɛsen nufusu ne ɛwo ampa, na ɛso aba ni.

28 Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ.

29 Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.

30 Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn.

31 Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn.

32 Na wɔmaa asase a wɔkɔsrae no ho atenka bɔne trɛw Israelfo no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsrae no yɛ asase a edi ɛsotefo, na nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko;

33 na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan