4 Mose 12 - KYERƐW KRONKRONMiriam ne Aaron kasa tia Mose 1 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni bea, efisɛ na waware Kusni bea bi. 2 Na wɔkae sɛ: So Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa? Na AWURADE tee. 3 Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. 4 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ: Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa mumfi adi mmra ahyiae ntamadan no ho. 5 Na wɔn baasa no fii adi. Na AWURADE sianee omununkum dum mu begyinaa ntamadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu fii adi. 6 Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no: 7 ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa; 8 ano ne ano na me ne no de kasa ohu mu, na ɛnyɛ mmebu mu, na ohu AWURADE suban: na ɛdɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa m'akoa Mose? 9 Na AWURADE bo fuw wɔn, na osiim kɔe. 10 Na omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛma. Na Aaron dan n'ani hwɛɛ Miriam, no hwɛ, na wayare kwata. 11 Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mepa wo kyɛw, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so. 12 Mma ɔnnyɛ sɛ funu a ofi ne na yam bae na ne honam fa asɛe dedaw. 13 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O, Onyankopɔn ee, sa no yare ɛ! 14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n'agya hinam n'ani so ntasu teta po a, anka n'ani renwu nnanson anaa? Wɔnto ne mu nnanson nsra no akyi, na ɛno akyi ansa na wɔmfa no mmra mu bio. 15 Na wɔtoo Miriam mu nsra no akyi nnanson. Na ɔman no antu kosii sɛ wɔde Miriam baa mu bio. 16 Na ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot, na wɔkɔbɔɔ nsra Paran sare so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana