Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 11 - KYERƐW KRONKRON


Anwea pradada no so anwiinwii

1 Na ɔman no yɛe sɛnea wɔrenwiinwii wɔn amane ho, AWURADE asom; na AWURADE tee no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔe wɔn mu hyew nsra no ano ano.

2 Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii.

3 Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera efisɛ AWURADE gya dɛwee wɔn mu.

4 Na afrafrafo a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ ade, na Israelfo no nso san sui bio sɛ: Hena na ɔbɛma yɛn nam adi?

5 Yɛakae nsumunam a yedii Misraim kwa ne ɛfere ne anowatere ne fan ne gyeene ne anwoo no.

6 Afei yɛn kra akisa, na biribiara koraa nni hɔ sɛ: Mana a etua yɛn aniwa mu yi.

7 Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho.

8 Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam owiyammo so anaasɛ wosiw awaduru mu na wɔnoa ɔsɛn mu, na wɔyɛ no tetare, na ne dɛ te sɛ ngo tetare dɛ.

9 Na sɛ obosu tɔ nsra no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so.

10 Na Mose tee sɛ ɔman no resusuw wɔn mmusua mu wɔn ntamadan ano ano; na AWURADE bo hurui sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahometew.

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛdɛn nti na wo ne w'akoa adi no bɔne, na ɛdɛn nti na mannya w'anim anuonyam, sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me so yi?

12 So me na minyinsɛn ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wuse me sɛ: Turu wɔn wo koko so sɛnea ɔbayɛnfo turu akokoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so?

13 Ɛhe na menya nam mama ɔman yi nyinaa, sɛ wosusu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yenni yi?

14 Me nko mintumi minkura ɔman yi nyinaa, efisɛ ɛyɛ duru sen me.

15 Na sɛ saa na wo ne me bedi no a, ɛnne sɛ m'anim aba onyam w'anim a, okum mmom na kum me, na manhu amane no.

16 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boa Israel mpanyimfo mu mmarima aduɔsɔn ano ma me, nnipa a wunim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanyimfo ne wɔn kyerɛwfo, na fa wɔn bra ahyiae ntamadan no ho, na wɔne wo mmegyina hɔ.

17 Na mesian me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.

18 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mubedi nam, efisɛ moakosu agu AWURADE asom sɛ: Hena na ɔbɛma yɛn nam adi? Anka eye ma yɛn wɔ Misraim mmom. Enti AWURADE bɛma mo nam adi:

19 ɛnyɛ da koro nko na mubedi, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko,

20 na mmom ɛbɛkɔ akosi ɔsram, akosi sɛ ebefifi mo hwene mu na afono mo, esiane sɛ moapa AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasusu n'anim aka sɛ: Ɛdɛn nti na yefii Misraim bae yi?

21 Na Mose kae sɛ, ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufo ɔpehansia, na wo de, wuse: Mɛma wɔn nam adi ɔsram?

22 So wobekunkum nguan ne anantwi ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn?

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: So wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wubehu sɛ m'asɛm bɛba mu ama wo, anaasɛ ɛremma mu.

24 Na Mose fii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanyimfo mu mmarima aduɔsɔn ano, na ɔde wɔn begyinaa ntamadan no ho hyiae.

25 Na AWURADE sian omununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ no so no bi guu mpanyimfo aduɔsɔn no so; na honhom no bae wɔn so no, wɔkaa adiyisɛm, bere tiaa bi mu a wɔansan anyɛ bio.

26 Na mmarima baanu kaa nsra no mu, obiako din de Eldad na obiako no de Medad; na honhom no besisii wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔkyerɛw wɔn din no mu, nanso wɔamfi adi ankɔ ntamadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsra no mu.

27 Na aberante bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsra no mu.

28 Na Nun ba Yosua a ɔyɛ Mose somfo fi ne mmerantebere mu no gyee so sɛ: Me wura Mose, bra wɔn!

29 Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.

30 Na Mose ne Israel mpanyimfo no san baa nsra no mu.

31 Na mframa fi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko fi ɛpo no ho beguu nsra no so, ɛbɛyɛ sɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsra no ho, wɔn sorokɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako.

32 Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne n'adekyee ne adesae, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; nea onyaa nea esua koraa no po boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsra no ho hyia.

33 Na nam no da so wɔ wɔn se mu a wonnya nwesawee no, AWURADE bo huru hyɛɛ ɔman no, na AWURADE de ɔyaredɔm kɛse pa bobɔɔ ɔman no.

34 Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa, efisɛ ɛhɔ na wosiee ɔman a ade dɔɔ wɔn kɔn no.

35 Na ɔman no tu fii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan