Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 10 - KYERƐW KRONKRON


Dwetɛ torobɛnto no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yɛ dwetɛ ntorobɛnto abien, fa dwetɛ a wɔaboro na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.

3 Na sɛ wɔhyɛn n'abien nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiae ntamadan no ano.

4 Na sɛ wɔhyɛn biako a, mmapɔmma a wodi Israel apem apem so atitiriw no mmehyia wo nkyɛn.

5 Na sɛ mohyɛn osebɔ nnyigyei a, nsra a ɛdeda apuei fam no ntutu;

6 na sɛ mohyɛn osebɔ to so abien a, nsra a ɛdeda anafo fam no ntutu: wɔrebetu no, osebɔ nnyigyei na wɔnhyɛn.

7 Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ gua a, monhyɛn, nanso ɛnyɛ osebɔ.

8 Na Aaron mma asɔfo no na wɔnhyɛn ntorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛde mo awo ntoatoaso nyinaa mu

9 Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnne momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam.

10 Na mo anigye nna ne mo afahyɛ a mohyɛ ne mo asram foforo no mu nso monhyɛn ntorobɛnto, mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre no so, na ɛnyɛ nkae mma mo, mo Nyankopɔn anim. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Israelfo fi Sinai kɔ Paran

11 Na afe a ɛto so abien no sram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no, omununkum no maa ne ho so fii adanse tenabea no so.

12 Na Israelfo no tutuu wɔn nsra siim fii Sinai sare so, na omununkum no kogyinaa Paran sare so.

13 Na eyi ne nea edi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose so no so tui.

14 Na Yuda mma nsra ɔfrankaa no tui kan, sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahasɔn di;

15 na Isakar mma abusuakuw dɔm no so na Suar ba Netanel di;

16 na Sebulon mma abusuakuw dɔm no so na Helon ba Eliab di.

17 Ɛnna wohunhuan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui.

18 Na Ruben mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur di;

19 na Simeon mma abusuakuw dɔm no so na Surisadai ba Selumiel di;

20 na Gad mma abusuakuw dɔm no so na Deuel ba Eliasaf di.

21 Ɛnna Kohatfo no soasoaa akronkronne no tui; na wosii tenabea no de kosii sɛ wɔbae.

22 Na Efraim mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama di;

23 na Manase mma abusuakuw dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel di;

24 na Benyamin mma abusuakuw dɔm no so na Gideoni ba Abidan di.

25 Ɛnna Dan mma nsra ɔfrankaa no tui bɔɔ nsra no nyinaa kyidɔm sɛ wɔn dɔm ahorow no te; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser di;

26 na Aser mma abusuakuw dɔm no so na Okran ba Pagiel di;

27 na Naftali mma abusuakuw dɔm no so na Enan ba Ahira di.

28 Eyi ne Israelfo tu a wotui sɛ wɔn dɔm ahorow te no.

29 Na Mose ka kyerɛɛ n'akonta Hobab a ɔyɛ Midianni Reuel ba no sɛ: Yɛretu akɔ nea AWURADE kaa ho asɛm sɛ, ɛha na mede mɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yiye, efisɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.

30 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom m'ankasa m'asase so ne m'abusua mu na mɛkɔ.

31 Na ose: Eyi de, nnyaw yɛn; na wo na wunim nea yɛbɛbɔ nsra, sare no so nti, yɛ yɛn kwankyerɛfo;

32 na sɛ wo ne yɛn nantew a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bɛyɛ wo bi.

33 Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no;

34 na wotu fi nsra no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia.

35 Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ AWURADE, sɔre na w'atamfo mmɔ mpete na wɔn a wokyi wo nguan w'anim.

36 Na sɛ ebegyina a, ɔka sɛ AWURADE, san bra Israel mpem mpem no nkyɛn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan