4 Mose 1 - KYERƐW KRONKRONƆman no kan 1 Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ: 2 Wo ne Aaron mmu Israelfo asafo nyinaa ano, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, nhu mmarima nyinaa mmiako mmiako ne wɔn din dodow, 3 efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, Israel mu obiara a obetumi akɔ ɔsa. Wo ne Aaron nkan wɔn sɛ wɔn dɔm te, 4 na abusuakuw biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanyimfi mu otitiriw. 5 Na mmarima a womfi mmusuakuw no mu mmɛboa mo no din ni: Ruben de ne Sedeur ba Elisur. 6 Simeon de: Surisadai ba Selumiel. 7 Yuda de: Aminadab ba Nahasɔn. 8 Isakar de: Suar ba Netanel. 9 Sebulon de: Helon ba Eliab. 10 Yosef mma no de: Efraim de: Amihud ba Elisama. Manase de: Pedahsur ba Gamaliel. 11 Benyamin de: Gideoni ba Abidan. 12 Dan de: Amisadai ba Ahieser. 13 Aser de: Okran ba Pagiel. 14 Gad de: Deguel ba Eliasaf. 15 Naftali de: Enan ba Ahira. 16 Eyinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mmapɔmma ne Israel mpem so atitiriw. 17 Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi, 18 na wohyiaa asafo no nyinaa boaa ano, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan, na wɔkaa wɔn awo ntoatoaso sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, mmiako mmiako; 19 sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na ɔkan wɔn Sinai sare so nen. 20 Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 21 wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuw no si ɔpeduanan asia ne ahanum. 22 Simeon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔkan wɔn, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 23 wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuw no si ɔpeduonum akron ne ahasa. 24 Gad mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 25 nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuw no si ɔpeduanan anum ne ahansia aduonum. 26 Yuda mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 27 nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuw no si ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia. 28 Isakar mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 29 nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuw no si ɔpeduonum anan ne ahannan. 30 Sebulon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 31 nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuw no si ɔpeduonum ason ne ahannan. 32 Yosef mma: Efraim mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 33 nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuw no si ɔpeduanan ne ahannum. 34 Manase mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 35 nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuw no si ɔpeduasa abien ne ahanu. 36 Benyamin mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 37 nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuw no si ɔpeduasa anum ne ahannan. 38 Dan mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 39 nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuw no si ɔpeduosia abien ne ahansɔn. 40 Aser mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 41 nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuw no si ɔpeduanan biako ne ahanum. 42 Naftali mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, 43 nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuw no si ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan. 44 Eyinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kanee no, mmarima dumien a wotuatua wɔn mpanyimfi ano mmiako mmiako no. 45 Na Israelfo mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔadi mfe aduonu ne akyiri, Israel mu ɔbarima biara a obetumi akɔ ɔsa, 46 nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa si ɔpehansia ne abiɛsa ne ahanum aduonum. 47 Na Lewi mma de, sɛ wɔn agyanom abusuakuw te no, wɔankan wɔn amfra wɔn. Lewifo no ahyɛde 48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 49 Lewi abusuakuw no nko de, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodow ano mfra Israelfo, 50 na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanse tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ade biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔmmɔ wɔn nsra nhyia. 51 Sɛ tenabea no retu a, Lewifo no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifo no na wonsi; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no. 52 Na Israelfo no mmobɔ nsra wɔn ara nsra mu ne wɔn afrankaa ho sɛ wɔn dɔm horow no te mmiako mmiako. 53 Na Lewifo no de, wɔmmɔ adanse tenabea no ho nsra nhyia, na AWURADE abufuw amma Israelfo asafo no so; na Lewifo no nkura adanse tenabea no sohwɛ mu. 54 Na Israelfo no yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana