Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 9 - KYERƐW KRONKRON


Wɔde Aaron asɔfodi adwuma hyɛ no nsa

1 Na da a ɛto so awotwe no Mose frɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israel mpanyimfo,

2 na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwi ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔre ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyew afɔre, wonni mu, na fa bra AWURADE anim.

3 Na Israelfo no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔre, ne nantwi ba ne oguanten ba a wɔadi afe a wodi mu mmɛyɛ ɔhyew afɔre,

4 ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoe afɔre, na wɔmfa mmɔ afɔre, AWURADE anim, ne aduan afɔre a wɔagu so ngo, efisɛ ɛnnɛ na AWURADE beyi ne ho akyerɛ mo.

5 Na wɔde nea Mose hyɛe no baa ahyiae ntamadan no anim, na asafo no nyinaa twiw bae begyinaa AWURADE anim.

6 Na Mose kae sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE hyɛe no, monyɛ, na AWURADE anuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo.

7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ twiw bɛn afɔremuka no ho, na bɔ wo hyew afɔre ne wo bɔne ho afɔre, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛde bra, na pata ma wɔn, sɛnea AWURADE hyɛe no.

8 Na Aaron twiw bɛn afɔremuka no ho, na okum ne bɔne ho afɔre nantwi ba no.

9 Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsatea bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔremuka no mmɛn ho, na ohwiee mogya no petee afɔremuka no ase.

10 Na bɔne ho afɔre no mu srade ne asaabo ne mmerɛbo so ntontan no, ɔtoo mu gya, afɔremuka no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

11 Na nam no ne nhoma no de, ɔde gya hyewee nsra no akyi.

12 Na okum ɔhyew afɔre aboa no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ohwie petee afɔremuka no so hyiae.

13 Na wɔde ɔhyew afɔre no asinasin ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyewee afɔremuka no so.

14 Na ɔhohoroo ayamde ne nnyawa no ho, na ɔhyewee ɔhyew afɔre a ɛwɔ afɔremuka no so no so.

15 Ɛnna ɔde ɔman no afɔre no bae, na ɔfaa bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman no de no kum no de bɔɔ bɔne ho afɔre sɛ kan de no.

16 Na ɔde ɔhyew afɔre no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛnea yɛbea te no.

17 Na ɔde aduan afɔre no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyewee afɔremuka no so kaa anɔpa ɔhyew afɔre no ho.

18 Ɛnna okum nantwinini ne odwennini a ɛyɛ ɔman no asomdwoe afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ohwie petee afɔremuka no so hyiae.

19 Na nantwinini ne odwennini no srade no, sradedua no ne nea ɛkata asaabo ho no ne mmerɛbo so ntontan no,

20 wɔde srade no nyinaa guu ɔyan no so, na wɔhyew srade no afɔremuka no so.

21 Na ɔyan no ne ɔsrɛ nifa no, Aaron him de yɛɛ ohim afɔre AWURADE anim, sɛnea Mose hyɛe no.

22 Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no, na ohyiraa wɔn. Na ɔbɔɔ bɔne ho afɔre, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wiei no, osianee.

23 Na Mose ne Aaron hyɛn ahyiae ntamadan no mu; na wofii adi no, wohyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa.

24 Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan