3 Mose 27 - KYERƐW KRONKRONBɔhyɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titiriw bi ma AWURADE, nea ɛne nnipa bo yɛ pɛ a, 3 ɛbo a bɔ ni: Ɔbarima a wadi mfirihyia aduonu de kosi mfe aduosia, ɛbo a bɔ nyɛ nnwetɛbona aduonum, sɛ kronkronbea dwetɛbona te no. 4 Na sɛ ɔyɛ ɔbea a, wo bo nnyina nnwetɛbona aduasa; 5 na sɛ wadi mfe anum de kosi mfe aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo bo nyɛ nnwetɛbona aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbea a, nnwetɛbona du; 6 na sɛ wadi ɔsram biako de kosi mfe anum a, wo bo a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbona anum, na ɔbea de, wo bo nyɛ nnwetɛbona abiɛsa; 7 na sɛ wadi mfe aduosia anaasɛ nea ɛboro saa na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo bo nyɛ nnwetɛbona dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbea a, nnwetɛbona du. 8 Na sɛ ohia ahia no a enti ontumi mma wo bo a wobɔe no a, wɔmfa no mmegyina ɔsɔfo no anim, na ɔsɔfo no mmɔ no bo; sɛnea nea wahyɛ bɔ no nsa bɛso so. 9 Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛde no bi a, ade a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron. 10 Wɔnnsakra, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ ɛba sɛ wɔde aboa sesa aboa a, ɛnne ɛno ne nea wɔde sesae no nyinaa nyɛ kronkron. 11 Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho ntew a wɔmmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛde a, wɔmfa aboa no mmegyina ɔsɔfo anim, 12 na sɛ eye oo, enye oo, ɔsɔfo no mmɔ ne bo; sɛnea wo, ɔsɔfo no, bɛbɔ no, saa ara na ennyina. 13 Na sɛ ɔpɛ sɛ ogye a, ɛnne ɔmfa wo bo no abupɛn anum mu biako nka ho. 14 Na sɛ obi yɛ ne fi kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ eye oo, enye oo, ɔsɔfo no mmɔ ne bo; sɛnea ɔsɔfo no bɛbɔ no, saa ara na ennyina. 15 Na sɛnea ɔyɛɛ no kronkron no begye ne fi no a, ɔmfa wo bo no dwetɛ abupɛn anum mu biako nto so, na ɛnyɛ ne de. 16 Na sɛ obi yɛ n'asase a odi so kronkron ma AWURADE a, wo bo bɔ no nyɛ sɛ n'aba te; bɔ atoko a wodua homer biako so bo nnwetɛbona aduonum. 17 Sɛ ofi ahosɛpɛw afahyɛ afe so yɛ n'asase no kronkron a, ennyina wo bo no so; 18 na sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n'asase no kronkron a, ɛnne ɔsɔfo no mmu n'akontaa mma no sɛ mfe a aka na ahosɛpɛw afahyɛ afe no adu no te no, na wɔntew wo bo no so. 19 Na sɛ nea ɔyɛɛ asase no kronkron no pɛ sɛ ogye a, ɔmfa wo bo no dwetɛ abupɛn anum mu biako nto so, na ɛntena ne nsam; 20 na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wonnnye bio, 21 na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfo no agyapade. 22 Na sɛ ɛyɛ asase a ɔtɔe na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no kronkron ma AWURADE na ɛnyɛ awunnyade a, 23 ɔsɔfo no mmu akontaa mma no nkyerɛ no bo no mu nea ɛbɛka akosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ɔmma wo bo a wobɔe no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 24 Ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, asase no nsan nkɔyɛ nea ɔtɔe ne nkyɛn a ɛyɛ n'asase a odi so no dea. 25 Na wo bo a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te; gera aduonu yɛ dwetɛbona biako. 26 Na afieboa mu mmakan a wɔwo ma AWURADE no nko de, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwi oo, oguan oo, ɛyɛ AWURADE dea. 27 Na sɛ ɛyɛ fieboa a wɔn ho ntew no bi a, ɛnne onnye no wo bo a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnne wɔntɔn no sɛnea wobɛbɔ ne bo. 28 Nso ahyirade biara a obi behyira so ama AWURADE, ade a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n'asase a odi so oo, ɛno de wɔnntɔn, na wonnnye nso; ahyirade biara yɛ akronkronne mu adekronkron ma Awurade. 29 Obiara a wabu no kumfo no, wonnnye no; okum na wonkum no. 30 Na asase no so aduan ntotoso du du a efi asase so aduan ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 31 Na sɛ obi pɛ sɛ ogye ne ntotoso du du no bi a, ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so. 32 Na anantwi ne nguan mu ntotoso du du nyinaa, nea ɛfa oguanhwɛfo poma ase nyinaa mu nea ɛto so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. 33 Wɔmmpaw papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnne ɛno ne nea wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wonnnye. 34 Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana