3 Mose 26 - KYERƐW KRONKRONMmara no so di ho nhyira 1 Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 2 Munni me home nna, na munsuro me kronkronbea: Mene AWURADE. 3 Sɛ mofa m'ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a, 4 ɛnne mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba; 5 na aduan porow bɛkɔ so akodu bobe aba tetew mu, na bobe aba tetew no akɔ so akodu odua bere, na mubedi mo aduan amee, na moatena mo asase so dwoodwoo. 6 Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so. 7 Na mobɛka mo atamfo agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrante ano; 8 na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ha bɛka ɔpedu agu, na mo atamfo atotɔ mo anim wɔ nkrante ano. 9 Na mɛdan m'anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina. 10 Na mubedi aburow ne awi a akyɛ no, na foforo no nti moayi dedaw no agu. 11 Na mede me tenabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini. 12 Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman. 13 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mibubuu mo kɔndua na mema monantewee tee no. Asoɔden so akatua 14 Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so, 15 na sɛ mopa m'ahyɛde, na m'atemmude yɛ mo kra nwini, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mubu m'apam no so a, 16 me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi. 17 Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan. 18 Na sɛ eyinom mu moantie me ara a, ɛnne mo bɔne nti mɛtwe mo aso mpɛn ason maka ho, 19 na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dade, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere, 20 na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba. 21 Na sɛ mo ne me di asi ara na mompɛ sɛ mutie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mpɛn ason sɛ mo bɔne te no. 22 Na mɛsoma wuram mmoa aba mo mu, na wɔagye mo nsam mma, na wɔasɛe mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo. 23 Na sɛ moamma mamfa eyinom ammɔ mo kɔkɔ, na mo ne me di asi ara a, 24 ɛnne me nso me ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mpɛn asɔn. 25 Na mede aweredi nkrante a ebedi m'apam no so were mɛba mo so, na moaboaboa mo ho ano akɔ mo nkurow mu, na mɛma ɔyaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa. 26 Na mebubu mo aduan dua, na mmea du ato mo abodoo fononoo biako mu, na wɔakari mo abodoo ama mo, na mubedi na moremmee. 27 Na sɛ eyi mu nso moantie me na mo ne me di asi ara a, 28 ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn. 29 Na mubedi mo mmammarima nam, na mo mmabea nam nso moadi. 30 Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo wia adum no agu, na matotow mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwini. 31 Na megu mo nkurow mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhuam no hua. 32 Na me ara mɛsɛe asase no ma mo atamfo a wɔbɛtena so no ani so ayɛ wɔn yaa; 33 na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo. 34 Ɛno na asase no benya ne home bere mu ahotɔ, nna dodow a ɛso bɛda ntuw a mo de, mowɔ mo atamfo asase so no; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ. 35 Nna a ɛso bɛda ntuw nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodow a anhome, mo home mmere mu, bere a mote so no. 36 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn komam wɔ wɔn atamfo nsaase no so, na ahaban a ɛtew huu nne aka wɔn agu na wɔaguan sɛ obi guan fi nkrante ano, na wɔatotɔ, bere a obi ntaa wɔn; 37 na wɔakyere tɔw ahwe ase sɛnea wɔreguan nkrante anim, bere a obi ntaa wɔn; na morennya mo atamfo anim agyinaye. 38 Na mubewuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfo asase amene mo. 39 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho behia wɔn wɔn amumɔyɛmu, mo atamfo asase so, na wɔn agyanom amumɔyɛ nso nti wɔn ho behia wɔn sɛ wɔn [agyanom no] ara. 40 Ɛno na wɔbɛka wɔn amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ no; sɛ nkontompo a wotwaa me ne asi a wɔne me dii nti, 41 me nso me ne wɔn dii asi, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfo asase so; na sɛ afei wɔn koma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumɔyɛ so asotwe no so a, 42 ɛnne mɛkae me ne Yakob apam no, ne me ne Isak apam no nso; na ɛne Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no. 43 Na asase no de, wobegyaw na anya ne home bere mu ahotɔ, sɛ wonni so nti ada ntuw; na wɔn de, esiane sɛ wɔpaa m'atemmude na m'ahyɛde yɛɛ wɔn kra nwini nti, wobenya wɔn amumɔyɛ so asotwe. 44 Nanso eyinom nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwini na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so; na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn. 45 Na wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim asase so, wiase amanaman nyinaa anim, pamee sɛ mɛyɛ wɔn Onyankopɔn no: Mene AWURADE. 46 Eyinom ne ahyɛde ne atemmude ne mmara a AWURADE nam Mose so de too ɔno ne Israelfo ntam, Sinai bepɔw so no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana