3 Mose 25 - KYERƐW KRONKRONAhomegye afe 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔw so sɛ 2 Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so a, asase no, nni ɔhome afe mma AWURADE. 3 Mfe asia na dua w'afuw mu ade, na mfe asia no pompan wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbae ano; 4 na afe a ɛto so ason no nyɛ ahomegye, mma asase no, ɛnyɛ ɔhome mma AWURADE: nnua w'afuw mu ade, na mpompan wo bobe turo mu nnua ho. 5 Wo ntwakae a efifi no, ntwa, na wo bobehama a woampempan ho no so akasiaw no, ntetew, ɛnyɛ ahomegye afe mma asase no. 6 Na asase no home mu ade nyɛ mo de, na munni, wo ne w'akoa ne w'afenaa ne wo paani ne wo hɔho a wabɛtena wo nkyɛn, 7 ne w'afieboa ne mmoa a wɔwɔ w'asase so, na ɛso nnɔbae no nyinaa nyɛ wɔn aduan. 8 Na kan ɔhome mfe asɔn, mfe ason ahorow ason fa, na ɔhome mfe ason no mu nna nyɛ aduanan akron. 9 Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto yiye, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam mo asase nyinaa so. 10 Na monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, na mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu, na obiara nsan nkɔ n'abusua mu. 11 Afe a ɛto so aduonum no nyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ Munnnua ade na munntwa ne ntwakae a efifi, na monntetew mo bobe hama a wɔampompan ho no so aba. 12 Na ɛyɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Munni mfuw so nnɔbae a ɛba afe no mu no. 13 Ahosɛpɛw afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu. 14 Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim. 15 Sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi mfirihyia ano te na tɔ wo yɔnko nkyɛn ade, sɛ nnɔbae mfirihyia ano te na ɔntɔn mma wo. 16 Mfe no dɔɔso a, to ne bo so, na mfe no sua a, tew ne bo so, efisɛ afe afe nnɔbae na ɔtɔn ma wo. 17 Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn; na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 18 Na monyɛ m'ahyɛde na munni m'atemmude so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo. 19 Na asase no bɛbɔ n'aduan na moadi amee, na moatena so dwoodwoo. 20 Na sɛ moka sɛ: Dɛn na yebedi afe a ɛto so ason no mu? Hwɛ, yennua na yentwa yɛn nnɔbae a, 21 ɛnne, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛto so asia no mu, na aba mfe abiɛsa aduan; 22 na mudua aduan afe a ɛto so awotwe no mu a, mubedi nnɔbae dedaw no akosi afe a ɛto so akron no mu; mubedi aduan dedaw no akosi sɛ ne nnɔbae bɛba. 23 Na wɔnntɔn asase no korakora, efisɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔho ne atubrafo. 24 Na asase a mudi so nyinaa, momma asase no gye ho kwan. 25 Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn n'ade bi a, ɛnne ne gyefo a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmegye nea ne nua tɔnee no. 26 Na sɛ obi nni gyefo na ne nsa aso na wanya nea ɛso gye a, 27 ɛnne ommu mfe a ɔtɔnee no ano na ɔnhyɛ nea ɛboro so no ananmu mma nea ɔtɔn maa no no, na ɔnsan mmra n'ade ho. 28 Na sɛ ne nsa anso nea ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnne ade a ɔtɔnee no ntena nea ɔtɔe no nsam nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no, na efi ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no, ɔnsan mmra n'ade ho. 29 Na sɛ obi tɔn ofi a wɔtena mu wɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu a wɔmma ne gye ho kwan nkosi ne tɔn no akyi afe; nna yi na ɔwɔ ne gye ho kwan. 30 Na sɛ wannye ma afe mu wie du a, ɛnne, ofi a ɛwɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu no nyɛ nea ɔtɔe no dea korakora, n'awo ntoatoaso nyinaa mu; ɔdede no ntumi mmegye bio ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu. 31 Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasu nni ho ase de, wommu nka asase no so mfuw ho: wɔmma ne gye ho kwan, na wommegye ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu. 32 Na Lewifo nkurow a ɛyɛ nkurow a wodi so no mu afi de, Lewifo wɔ ne gye ho kwan daa. 33 Na sɛ Lewifo mu bi annye ne fi a wɔatɔn a ɛwɔ kurow a odi so mu a, ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no ɔmfa n'ade, efisɛ Lewifo nkurow mu afi ne wɔn ade a wodi so, Israelfo mu. 34 Na wɔn nkurow ho mfikyisaase de, wɔnntɔn na ɛyɛ wɔn ade a wodi so daa. 35 Na sɛ ehia wo nua na ɔpa abaw a, so no mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otudanfo. 36 Nnye ne hɔ mfɛntom, na nhuruw ne ka a ɔde wo no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa. 37 Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntom, na nhuruw w'aduan a woma no no: 38 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Onyankopɔn. 39 Na sɛ ehia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya, 40 na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfo; nsom wo nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so. 41 Ɛno na omfi wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsan nkɔ n'abusua mu ne n'agyanom ade a wodi so no ho. 42 Na wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so; wɔnntɔn wɔn nkoatɔn. 43 Mfa anyadimɔ nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn. 44 Na w'akoa ne w'afenaa a wubenya no, amanaman a wogugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa. 45 Na ahɔho a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafo a wɔne mo te a wɔawo wɔn mo asase so no bi, na wɔnyɛ mo agyapade, 46 na moagyaw wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyade ne ade a wodi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfo de, obiara mmfa anyadimɔ nnhyɛ ne nua so. 47 Na sɛ wo nkyɛn hɔho anaa otubrafo bi nsam wɔ biribi, na ehia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔho a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔho no abusua mu nipa bi a, 48 ɛnne ne tɔn akyi no wɔmma ne gye ho kwan; ne nuanom mu biako nnye no, 49 anaasɛ n'agya nua anaa n'agya nua ba nnye no, anaasɛ n'abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, onnye ne ho. 50 Na ɔne nea ɔtɔɔ no no mmu akontaa mfi afe a wɔtɔn no maa no no so nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ne tiade nyɛ sɛnea mfe no dodow te, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna. 51 Sɛ mfe no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu ogye ade a ɔbɛdan ama no no nnɔɔso saa ara; 52 na sɛ aka mfe kakraa bi na adu ahosɛpɛw afahyɛ afe no so a, ommu mma no: ne mfe no ano pɛ na ɔnnan ne gye ade mma no. 53 Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani de afe afe: ɔmmfa anyadimɔ nnhyɛ no so wɔ w'anim. 54 Na sɛ wɔamfa eyinom so annye no a, ɛnne ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkodi, ɔno ne ne mma nyinaa. 55 Na me na Israelfo yɛ me nkoa; me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana