3 Mose 21 - KYERƐW KRONKRONAsɔfo no ahotew 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi funu bi ho ne man mu, 2 gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n'agya ne ne babanin ne ne babea ne ne nuabarima, 3 ne ne nuabea a ɔyɛ ɔbaabun a ɔbɛn no a onnya nnyaa okunu ɛ, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum. 4 Ɔyɛ ne nkurɔfo mu nipa titiriw nti, onngu ne ho fi, nanso onnhura ne ho. 5 Wonnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bogyesɛ ano, na wɔnnsesa wɔn honam mu nkamaa. 6 Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron. 7 Wɔnnware ɔbea aguaman bi anaa nea ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbea a ne kunu ako no, efisɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. 8 Na bu no kronkron, efisɛ wo Nyankopɔn aduan na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, efisɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. 9 Na sɛ ɔsɔfo babea fi ase bɔ aguaman a, wahura n'agya ho, wɔmfa ogya nhyew no. 10 Na ne nuanom mu sɔfo panyin a wɔahwie ɔsra ngo agu n'atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntade no, ɔmmpɛsɛw ne ti na onnsunsuane ne ntade mu, 11 na ɔnnkɔ funu biara ho, n'agya ne ne na ho po ɔmmma ne ho nnkum. 12 Na ommfi kronkronbea hɔ, na onnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, efisɛ ne Nyankopɔn sra ngo dwira no wɔ n'atifi: Mene AWURADE. 13 Na ɔno de, ɔbaabun na ɔnware; 14 okunafo ne nea wɔako no ne nea ne ho ahura ne aguaman de, ɔnnware eyinom mu biara, na mmom ne man mu baabun na ɔnware. 15 Na onnhura n'asefo ho ne man mu; na mene AWURADE a meyɛ no kronkron. 16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 17 Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W'asefo awo ntoatoaso mu ɔbarima a dɛm wɔ ne ho biara mmma mmmɛfa aduan mmmrɛ ne Nyankopɔn. 18 Na obiara a odi dɛm no mmmɛn, onifuraefo oo, apakye oo, hwensin oo, nea ne honam biribi boro so oo, 19 nea ne nan anaa ne nsa abu oo, 20 afu oo, nea wakyenkyen oo, nea ɛtɛ si n'ani so oo, nea ɔyare ntwemu oo, ogyatɔfo oo, nea ne hwea aba abɔ oo, 21 ɔsɔfo Aaron asefo mu biara a odi dɛm no nntwiw mmmɛn mmfa AWURADE gya afɔre no mmma; dɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduan no nntwiw mmma. 22 Ne Nyankopɔn aduan, akronkronne mu ade kronkron ɛne akronkronne no de, onni bi. 23 Ntwamu mmɔhɔɔ no ho nko na ɔmmma, na afɔremuka no ho na onntwiw mmmɛn, efisɛ dɛm wɔ ne ho; na wanhura m'akronkronne no ho, efisɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron. 24 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israelfo no nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana