Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 20 - KYERƐW KRONKRON


Asoɔden ho asotwe

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Obiara a ofi Israelfo anaa ahɔho a wɔabɛtena Israel mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, okum na wonkum no; asase no sofo nsiw no abo mma onwu.

3 Na me nso mɛma m'ani asa onipa no, na matwa no afi me man mu akyene, efisɛ ɔde ne mma bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.

4 Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofo no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔankum no a,

5 me de, mɛma m'ani asa onipa no ne n'abusua, na metwa ɔno ne wɔn a wodi n'akyi aguamammɔ kwan so na wodi Molek akyi bɔ aguaman no nyinaa afi wɔn man mu agu.

6 Na obiara a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m'ani asa saa onipa no, na metwa no afi me man mu akyene.

7 Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na munni m'ahyɛde so na monyɛ, Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9 Sɛ obiara dome n'agya anaa ne na a, okum na wonkum no; wadome n'agya ne ne na: ne mogya gu n'atifi.

10 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum na wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no.

11 Na ɔbarima a ɔne n'agya yere da no, wayi n'agya adagyaw so; okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.

12 Na ɔbarima a ɔne n'ase a ɔyɛ ne ba yere da no, okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyide; wɔn mogya gu wɔn atifi.

13 Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbea nna no, wɔn baanu ayɛ akyide, okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

14 Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusude: wɔmfa ogya nhyew ɔno ne wɔn nyinaa, na abusude antena mo mu.

15 Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, okum na wonkum no, na aboa no nso munkum no.

16 Na ɔbea a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbea no ne aboa no; okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

17 Na ɔbarima a ɔfa ne nuabea a ɔyɛ n'agya ɔba anaa ne na ɔba na ohu n'adagyaw na ɔbea no nso hu n'adagyaw no, ɛyɛ animguasede, na wontwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabea adagyaw so; ɔnsoa ne mmusu.

18 Na ɔbarima a ɔne ɔbrafo da na oyi n'adagyaw so na obue n'abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura so no, wontwitwa wɔn baanu nyinaa mfi wɔn man mu ngu.

19 Na nyi wo na nuabea anaa w'agya nuabea adagyaw so, efisɛ wayi ne bogya adagyaw so; wɔnsoa wɔn mmusu.

20 Na ɔbarima a ɔne n'agya nua yere da no, wayi n'agya nua adagyaw so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.

21 Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ ade a ɛho ntew; wayi ne nua adagyaw so, wɔrennya ɔba.

22 Enti munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ hɔ akɔtena so no amfe mo angu.

23 Na mommfa aman a merebetu wɔn mo anim no ahyɛde so; na wɔayɛ eyinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwini;

24 na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afi amanaman mu no.

25 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew mu, ne nnomaa a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne ade biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho ntew no angu mo kra ho fi.

26 Na monyɛ kronkron mma me, efisɛ me AWURADE meyɛ kronkron; na mapaw mo afi aman mu sɛ mommɛyɛ me dea.

27 Na ɔbarima anaa ɔbea a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, okum na wonkum wɔn; wonsiw wɔn abo; wɔn mogya gu wɔn atifi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan