Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 19 - KYERƐW KRONKRON


Mmara no ntimu ne abrabɔ kronkron

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.

3 Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

4 Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

5 Na sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani:

6 Da a mukum no ara na wonni, ne n'adekyee, na nea ɛbɛka akodu da a ɛto so abiɛsa no, wɔmfa ogya nhyew.

7 Na sɛ wodi no da a ɛto so abiɛsa a, ɛyɛ akyide, ɛnsɔ ani;

8 na nea odi no bɛsoa ne mmusu, efisɛ AWURADE akronkronne ho na wahura, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.

9 Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w'afumde no mu mpɛpɛw;

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

11 Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.

12 Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

13 Nni wo yɔnko amim na mfow no. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma ade nnkye.

14 Nnome ɔsotifo na mfa hintidua nto onifuraefo anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE.

15 Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.

16 Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.

17 Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.

18 Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.

19 Munni m'ahyɛde so. Mma w'afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w'afuw nso, mfa ade mfrafra nnua mu, na mma ntama horow abien nsaasaa nnka wo ho.

20 Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea da na ɔde ne ho ka no, na ɔbea no yɛ afenaa a wɔde no ama obi aware, na ogye na wonnya nnyee no anaasɛ wonnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpɛɛpɛɛmu ntwe wɔn aso, na wonnkum wɔn, efisɛ onnya nnee ne ho ɛ.

21 Na ɔbarima no mfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, asodi ho afɔre dwennini na ɔmfa mmra.

22 Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no.

23 Na sɛ mudu asase no so na motɛw dua biara a wodi a, mummu n'aba no sɛ momonotode; mfe abiɛsa na ɛnyɛ mo momonotode, wonnni;

24 na afe a ɛto so anan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyi;

25 na afe a ɛto so anum no, munni n'aba, na ne nnɔbae nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

26 Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Munnni adebisasɛm na munngoru abayigoru.

27 Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bogyesɛ ano.

28 Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo, na munnkurukyerɛw mo ho nkyerɛwee bi: Mene AWURADE.

29 Nhura wo babea ho mma ɔmmmɔ aguaman, na asase no ammɔ aguaman, na mmusu anyɛ asase no so ma.

30 Munni me home nna na munsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE.

31 Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

32 Fa obu ma ɔpanyin, yiw, na di akwakora ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE.

33 Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so.

34 Ɔhɔho a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

35 Munntwa atemmu mu nkontompo, adesusuw, adekari ne adehyɛ mu;

36 nsɛnia tee, abrammo tee, olonka tee ne susutoa tee na munkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no.

37 Na munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan