3 Mose 14 - KYERƐW KRONKRONAkwatafo ahodwira 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wobu no sɛ ne ho atew no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo no, 3 na ɔsɔfo no mfi adi nkɔ nsra no akyi; na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ kwata ntotowee no asa ɔkwatani no ho a, 4 ɔsɔfo no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien animono ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ mma nea wɔbɛtew ne ho no mmra. 5 Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonkum nnomaa no mu biako, asanka bi mu, mmasu so. 6 Na anomaa nikanfo no de, ɔmfa no ne kyeneduru dua no ne adidi ne adwerɛ no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfo no mmɔ anomaa a wɔakum no mmasu so no mogya mu, 7 na ɔmfa mpete nea abɛtew ne ho afi ne kwata ho no so mpɛn asɔn, na ɔntew ne ho, na onnyaa anomaa nikanfo no mma ɔnkɔ wuram. 8 Na nea wɔatew ne ho no nhoro ne ntade na onyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsu nguare na ne ho atew; na ɛno akyi no, ɔmmra nsra no mu, nanso ɔntena ne ntamadan akyi nnansɔn. 9 Na da a ɛto so ason no, onyi ne ho nwi nyinaa, ne ti ne ne bogyesɛ ne ne ntɔnka nwi nyinaa na onyi; na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne honam na ne ho atew. 10 Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nguanten mma abien a wodi mu, ne oguammaabere biako a wadi afe a odi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma biako mmra. 11 Na ɔsɔfo a ɔtew ne ho no mfa ɔbarima a wɔretew ne ho no ne nneɛma no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. 12 Na ɔsɔfo no mfa nguanten no mu biako mmra, sɛ asodi ho afɔre, ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim; 13 na onkum oguanten ba no nea wokum bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre hɔ, nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ asodi ho afɔre no nso yɛ asɔfo no dea, te sɛ bɔne ho afɔre, ɛyɛ akronkronne mu adekronkron. 14 Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano. 15 Na ɔsɔfo no mfa ngo toaa no mu bi nhwie ngu n'ankasa ne nsa benkum mu; 16 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsatea nka ngo no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim; 17 na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfo no mfa bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, asodi ho afɔre mogya no so; 18 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no, onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim. 19 Na ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre no, na ɔmpata mma nea wɔretew ne ho afi ne ho fi mu no; na ɛno akyi no, onkum ɔhyew afɔre aboa no; 20 na ɔsɔfo no nhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no na ne ho atew. 21 Na sɛ odi hia na ne nsa anso eyinom so a, ɛnne ɔmfa oguanten ba biako mmɛyɛ asodi ho afɔre nyɛ ohim afɔre mfa mpata mma no, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma, 22 ne nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien a ne nsa bɛso so; biako nyɛ bɔne ho afɔre na biako nyɛ ɔhyew afɔre; 23 na n'ahodwira da a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim. 24 Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre guanten ba no ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim. 25 Na onkum asodi ho afɔre guanten ba no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano; 26 na ɔsɔfo no mfa ngo no ngu n'ankasa ne nsa benkum mu, 27 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim; 28 na ɔsɔfo no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, nea asodi ho afɔre no mogya no wɔ no; 29 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim. 30 Na ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso so no mu biako, 31 ade a ne nsa bɛso so no mu biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre mpae aduan afɔre no so, na ɔsɔfo no mpata mma nea wɔretew ne ho no, AWURADE anim. 32 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea kwata atotow no a ne nsa nso n'ahodwira ade so no. Adan a wɔagu ho fi 33 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 34 Sɛ mudu Kanaan asase a mede merema mo sɛ munni so no so, na sɛ mede kwata ntotowee metoto mo dibea asase no so fi bi ho a, 35 ɛnne ofi no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfo no sɛ ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotowee wɔ me fi ho. 36 Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonyi ofi no mu nneɛma mfi adi ansa na ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ntotowee no, na ofi no mu nneɛma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyi no ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ofi no. 37 Na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ ntotowee no wɔ ofi no fasu ho, nkekae apopobibiri anaa akɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asen ɔfasu no a, 38 ɔsɔfo no mfi ofi no mu mmra ɔpon ano, na ɔnto ofi no mu nnansɔn. 39 Na sɛ ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no san ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no fasu ho a, 40 ɔsɔfo no mma wontutu abo a ntotowee no wɔ mu no ntow ngu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew; 41 na wɔnwerɛwerɛw ofi no mu nhyia, na wɔmfa dɔte a wɔwerɛwee no nkogu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew. 42 Na wɔmfa abo foforo nhyehyɛ abo no ananmu, na wɔmfa dɔte foforo mma ofi no ho. 43 Na sɛ abo no tutu ne ofi no ho wewerɛw ne ɛho ma akyi no ntotowee no san bepue ofi no mu, 44 na ɔsɔfo no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no mu a, ɛyɛ ofi no mu kwata a ɛsɛe ade; ɛho ntew. 45 Enti onnwiriw ofi no ngu fam, n'abo ne ne mpuran ne ofi no ho dɔte nyinaa, na ɔnsesaw mfi adi nkɔ kurow no akyi nkogu nea ɛhɔ ntew. 46 Na nea ɔbɛkɔ ofi no mu nna a wɔato mu nyinaa mu no, ne ho ntew kosi anwummere, 47 na nea ɔda ofie hɔ no nhoro ne ntade, na nea odidi ofie hɔ no nhoro ne ntade. 48 Na sɛ ofi no ho ma akyi ɔsɔfo no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotowee no nyerɛwee ofi no mu a, ɛnne ɔsɔfo no mmu ofi no sɛ ɛho tew, efisɛ ntotowee no asa. 49 Na ɔmfa nnomaa abien ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ nnwira ofi no. 50 Na onkum nnomaa no mu biako asanka mu, mmasu so, 51 na ɔmfa kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔakum no no mogya ne mmasu no mu, na ɔmfa mpete ofi no ho mpɛn asɔn, 52 na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasu ne anomaa animono no ne kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi no nnwira ofi no, 53 na onnyaa anomaa animono no kurow no akyi mma ɔnkɔ wuram, na ɔmpata mma ofi no, na ɛho atew. 54 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee nyinaa ne ntutui, 55 ne ntama ne ofi ho kwata, 56 ne ɔsoa ne ntwintwamee ne atape, 57 sɛ nkyerɛkyerɛ bere a ade ho ntew ne bere a ɛho tew mu; eyi ne kwata ho mmara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana