3 Mose 10 - KYERƐW KRONKRONNadab ne Abihu ho asɛm 1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu fofaa wɔn gyasɔ ade, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim. 2 Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew wɔn, na wowuwui AWURADE anim. 3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam. 4 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n'agya nuammarima Usiel mma Misael ne Elsafan bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntwiw mmɛn, na mommɛsoa mo nuanom no mfi kronkronbea anim nkɔ nsra no akyi. 5 Na wotwiw bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntade mu de wɔn kɔɔ nsra no akyi sɛnea Mose kae no. 6 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛw mo ti, na munnsunsuane mo ntade mu, na moanwuwu, na abufuw amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fi nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahyew wɔn yi. 7 Na mummfi ahyiae ntamadan no ano nso, na moanwuwu, efisɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛnea Mose kae no. 8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: 9 Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛn ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa bi, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, 10 na moahu ade kronkron ne ade a ɛnyɛ kronkron, ne ade a ɛho tew, ne nea ɛho ntew, ntam nsonoe, 11 na moakyerɛkyerɛ Israelfo ahyɛde a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa. 12 Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar a wɔkae no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔre mu aduan afɔre a ɛkae no, na munni no apiti, afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu adekronkron. 13 Munni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔre ho kyɛfa ma wo ne wo mma, efisɛ saa na wɔahyɛ me. 14 Na ohim yan no ne ɛsoma srɛ no, munni no nea ɛhɔ tew, wo ne wo mmammarima ne wo mmabea nyinaa, efisɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afi Israelfo asomdwoe afɔre mu. 15 Ɛsoma srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka srade a wɔhyew no ho mmra, na wonhim no ohim afɔre, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo de ne wo mma de nyɛ daa kyɛfa, sɛnea AWURADE hyɛe no. 16 Na bɔne ho afɔre papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara, nso na wɔahyew no dedaw. Na ne bo fuw Aaron mma Eleasar ne Itamar a wɔkae no, na ɔkae sɛ: 17 Ɛdɛn nti na moanni bɔne ho afɔre no wɔ kronkronbea hɔ? Efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusu no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim. 18 Hwɛ, wɔamfa ne mogya no amma kronkronbea dan no mu. Anka ɛsɛ sɛ mudi no kronkronbea hɔ, sɛnea mehyɛɛ mo no. 19 Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ a wɔde wɔn bɔne ho afɔre ne wɔn hyew afɔre aba AWURADE anim, na ade a ɛte sɛɛ abɛto me yi; na sɛ midi bɔne ho afɔre nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa? 20 Na Mose tee no, ne koma tɔɔ ne yam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana