Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 1 - KYERƐW KRONKRON


Ɔhyew afɔrebɔde

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra.

3 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyew afɔre no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

5 Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.

6 Na ongua ɔhyew afɔre no nhoma, na ontwitwa no asinasin.

7 Na ɔsɔfo Aaron mma no nsiesie mmabaa wɔ afɔremuka no so na wɔnsɔ ano.

8 Na Aaron mma, asɔfo no, mfa asinasin no, botiri no ne srade no ngu afɔremuka gya no so.

9 Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

10 Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.

11 Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.

12 Na ontwitwa n'asinasin no mu, ɛne ne ti ne ne srade nyinaa, na ɔsɔfo no nsiesie ngu afɔremuka no so gya no so.

13 Na ayamde ne nnyawa no, ɔmfa nsu nhohoro ho; na ɔsɔfo no mfa ne nyinaa mmra mmɛhyew afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

14 Na sɛ n'ayɛyɛde no fi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n'ayɛyɛde mmra.

15 Na ɔsɔfo no mfa mmra afɔremuka no ho, na ɔntew ne ti, na ɔnhyew afɔremuka no so, na wonkyi ne mogya ngu afɔremuka no ho.

16 Na onyi ne mene ase ne nea ɛwɔ mu ntow nkyene afɔremuka no nkyɛn apuei fam, nea nso gu hɔ.

17 Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan