Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Tesalonikafo 3 - KYERƐW KRONKRON


Nkotɔsrɛ mpaebɔ

1 Nea edi akyiri no, anuanom, mommɔ mpae mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte mo hɔ nso.

2 Na wonyi yɛn mfi nnipa ammumɔyɛfo ne abɔnefo nsam, efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.

3 Ɔnokwafo ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho no.

4 Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ nea yɛhyɛ mo.

5 Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


Adwuma pa

6 Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho.

7 Na mo ankasa munim sɛ ɛsɛ sɛ musua yɛn, efisɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu,

8 nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara,

9 ɛnyɛ sɛ yenni ho kwan, na mmom yɛyɛe sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛso ama mo na moasua yɛn.

10 Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnnidi.

11 Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre.

12 Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan.

13 Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.

14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu;

15 nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.

16 Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa, ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.


Nkradi ne nhyira

17 Me Paulo nkyia a mede m’ankasa me nsa mekyerɛwee. Eyi di adanse wɔ me nhoma nyinaa mu, sɛ ɔkwan a mefa so kyerɛw ni.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan