2 Tesalonikafo 2 - KYERƐW KRONKRONNneɛma a edi Kristo ba anim 1 Nso yɛsrɛ mo, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho de, 2 mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. 3 Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no 4 Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn. Ɔsɛe a wɔbɛsɛe mmaratofo 5 Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo eyinom anaa? 6 Na afei, nea esiw kwan no, munim sɛ wobeyi no adi ne bere mu. 7 Na mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa. 8 Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara biara no adi, nea Awurade de n’anom home besɛe no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no. Bɔne a ɛyɛ hu 9 Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiriwde nyinaa mu 10 ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu, esiane sɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no. 11 Eyi nti Onyankopɔn bɛsoma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atoro adi, 12 na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn. Aseda 13 Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu. 14 Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam. Afotu ne mpaebɔ 15 Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu. 16 Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no, 17 ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana