2 Samuel 9 - KYERƐW KRONKRONDawid ne Mefiboset 1 Na Dawid kae sɛ: So obi da so wɔ hɔ a waka Saul fi, na Yonatan nti menyɛ no adɔe? 2 Na Saul fi akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wokohyiaa no baa Dawid nkyɛn no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: So wone Siba? Na ose: W’akoa ne no. 3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen. 4 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar. 5 Na ɔhene soma ma wɔkɔfaa no Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar bae. 6 Na Saul ba Yonatan ba Mefiboset duu Dawid nkyɛn no, ɔde n’anim hwee fam kotow no. Na Dawid kae sɛ: Mefiboset! Na ose: W’akoa ni. 7 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe na madan w’agya Saul asase nyinaa mama wo na woadidi me pon so daa yi. 8 Na ɔkotow kae sɛ: W’akoa ne hena a worehwɛ no teta sɛ, ɔkraman funu yi? 9 Ɛnna ɔhene frɛɛ Saul abofra Siba na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ade nyinaa a ɛyɛ Saul ne ne fi nyinaa de no, mede mama wo wura ba. 10 Enti dɔw asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra na wo wura ba nnya aduan nni. Na wo wura ba Mefiboset de, onnidi me pon so daa yi. Nso Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu. 11 Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kae sɛ: Mefiboset de, onnidi me pon so sɛ ɔhene mma mu bi. 12 Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fi nyinaa yɛ Mefiboset nkoa. 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pon so na odidi daa yi. Na ɔtɔ ne nan abien so apakye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana