Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 5 - KYERƐW KRONKRON


Dawid di Israel ne Yuda nyinaa so hene
( 1 Berɛsosɛm 11.1-9 ; 14.1-7 )

1 Ɛnna Israel mmusuakuw nyinaa baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ wo nnompe ne wo honam ne yɛn.

2 Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.

3 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.

4 Dawid bedii hene no na wadi mfe aduasa, na odii hene mfirihyia aduanan.

5 Odii Yuda so hene Hebron mfe ason ne asram asia, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.


Dawid ko fa Yerusalem

6 Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kotuaa Yebusifo a wɔte asase no so no. Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha na anifuraefo ne mpakye mpo besiw wo kwan. Na wodwen sɛ Dawid renkɔ mu hɔ.

7 Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no.

8 Na Dawid kae da no sɛ: Obiara a obekum Yebusifo no nkodu nsuka no ho na onkunkum mpakye ne anifuraefo a Dawid kra tan wɔn no nso! Enti na wɔka sɛ: Onifuraefo ne apakye mmma ofie.

9 Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.

10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Dawid fifo ne ne nkonimdi horow no

11 Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid.

12 Na Dawid hui sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn ne sɛ ne man Israel nti wama n’ahenni so.

13 Na Dawid fi Hebron bae akyi no, ɔkɔɔ so warewaree yefam ne yerenom fii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmabea maa Dawid bio.

14 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa Dawid Yerusalem no din ni: Samua ne Sobab ne Natan ne Solomon,

15 ne Yibhar ne Elisua ne Nefet ne Yafia,

16 ne Elisama ne Eliada ne Elifelet.


Filistifo so nkonimdi
( 1 Berɛsosɛm 14.8-17 )

17 Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, osian kɔɔ aban no mu.

18 Na Filistifo no bae bɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu.

19 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ. Menkɔ Filistifo no so anaa? So wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na mede Filistifo no mɛhyɛ wo nsa ampa.

20 Na Dawid kɔɔ Baal-perasim na Dawid kunkum wɔn hɔ, na ɔkae sɛ: AWURADE apae m’atamfo mu m’anim sɛ wɔpae nsu mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Baal-perasim ase ne: Ntewmubea.

21 Na wogyigyaw wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tasee.

22 Na Filistifo no san foro bae bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu.

23 Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkae sɛ: Nkɔ! Dan wo ho kosi wɔn akyi na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so.

24 Na sɛ wote nantew nka balsam nnua no atifi a, ɛno de ka wo ho, efisɛ ɛno de na AWURADE afi redi w’anim akokum Filistifo nsra no.

25 Na Dawid yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no na okunkum Filistifo no fi Geba de koduu Geser.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan